< Nnwom 82 >

1 Asaf dwom. Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu.
Asaf dwom. Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.
2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?
“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?
3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.
Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.
4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam.
Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow.
“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso.
6 “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.”
Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”
8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.
Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.

< Nnwom 82 >