< Nnwom 82 >

1 Asaf dwom. Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu. 2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? 3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. 4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. 5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow. 6 “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” 8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.

< Nnwom 82 >