< Nnwom 81 >

1 Asaf dwom. Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn no!
For the chief musician; set to the Gittith style. A psalm of Asaph. Sing aloud to God our strength; shout out for joy to the God of Jacob.
2 Momma nnwom no so na monwosow akasaa. Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no.
Sing a song and play the tambourine, the pleasant lyre with the harp.
3 Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no, ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no;
Blow the trumpet on the day of the new moon, on the day of the full moon, when our feast day begins.
4 Eyi yɛ Israelfo ahyɛde, Yakob Nyankopɔn mmara.
For it is a statute for Israel, a decree given by the God of Jacob.
5 Otintimii sɛ nhyehyɛe maa Yosef bere a ɔsɔre tiaa Misraim no, faako a yɛtee kasa a yɛnte ase no.
He issued it as a regulation in Joseph when he went against the land of Egypt, where I heard a voice that I did not recognize:
6 Ɔka se, “Miyii adesoa no fii wɔn mmati so, ne wɔn nsa fii kɛntɛn ho.
“I removed the burden from his shoulder; his hands were freed from holding the basket.
7 Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo, migyee mo so wɔ aprannaa mu; mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho.
In your distress you called out, and I helped you; I answered you from a dark thundercloud. I tested you at the waters of Meribah. (Selah)
8 “Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi, Israel, sɛ mubetie me a!
Listen, my people, for I will warn you, Israel, if you would only listen to me!
9 Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame.
There must be no foreign god among you; you must not worship any foreign god.
10 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no. Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.
I am Yahweh your God, who brought you out of the land of Egypt. Open your mouth wide, and I will fill it.
11 “Nanso me nkurɔfo rentie me; Israel remmrɛ ne ho ase mma me.
But my people did not listen to my words; Israel did not obey me.
12 Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara.
So I gave them over to their own stubborn way so that they might do what seemed right to them.
13 “Sɛ me nkurɔfo tie me, na Israel nantew mʼakwan so a,
Oh, that my people would listen to me; oh, that my people would walk in my paths.
14 anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛm na mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn!
Then I would quickly subdue their enemies and turn my hand against their oppressors.
15 Wɔn a wɔtan Awurade no de osuro bɛkotow no, na wɔn asotwe to rentwa da.
May those who hate Yahweh cringe in fear before him! May they be humiliated forever.
16 Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi; mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.”
I would feed Israel with the finest wheat; I would satisfy you with honey out of the rock.”

< Nnwom 81 >