< Nnwom 80 >
1 Asaf dwom. Israel guanhwɛfo, tie yɛn, wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim; wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn
Give ear, O Shepherd of Israel, you that lead Joseph like a flock; you that dwell between the cherubim, shine forth.
2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyan wo tumi; bra begye yɛn nkwa.
Before Ephraim and Benjamin and Manasseh stir up your strength, and come and save us.
3 Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Turn us again, O God, and cause your face to shine; and we shall be saved.
4 Asafo Awurade Nyankopɔn, wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn, wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no?
O LORD God of hosts, how long will you be angry against the prayer of your people?
5 Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii; wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.
You feed them with the bread of tears; and give them tears to drink in great measure.
6 Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho, na yɛn atamfo serew yɛn.
You make us a strife to our neighbors: and our enemies laugh among themselves.
7 Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Turn us again, O God of hosts, and cause your face to shine; and we shall be saved.
8 Wutuu bobe fi Misraim beduae; wopam amanaman no na wuduae.
You have brought a vine out of Egypt: you have cast out the heathen, and planted it.
9 Wosiesiee asase no baabi maa no, egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.
You prepared room before it, and did cause it to take deep root, and it filled the land.
10 Ne nwini kataa mmepɔw no so ne mman kataa sida akɛse no so.
The hills were covered with the shadow of it, and the boughs thereof were like the goodly cedars.
11 Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so, na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.
She sent out her boughs to the sea, and her branches to the river.
12 Adɛn nti na woabubu nʼafasu ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?
Why have you then broken down her hedges, so that all they which pass by the way do pluck her?
13 Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.
The boar out of the wood does waste it, and the wild beast of the field does devour it.
14 Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn! fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu! Hwɛ saa bobe yi so,
Return, we beseech you, O God of hosts: look down from heaven, and behold, and visit this vine;
15 ntin a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.
And the vineyard which your right hand has planted, and the branch that you made strong for yourself.
16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew; wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.
It is burned with fire, it is cut down: they perish at the rebuke of your countenance.
17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatetew no ama wo ho no.
Let your hand be on the man of your right hand, on the son of man whom you made strong for yourself.
18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn; kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
So will not we go back from you: quicken us, and we will call on your name.
19 Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so.
Turn us again, O LORD God of hosts, cause your face to shine; and we shall be saved.