< Nnwom 8 >
1 Dawid dwom. Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ,
Dawid dwom. Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,
2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.
mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.
3 Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
4 onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri.
Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.
6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:
Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:
7 nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso,
nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso,
8 wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.
ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.
9 Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.
Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.