< Nnwom 8 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so. Dawid dwom. Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ, 2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano. 3 Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a, 4 onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho? 5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri. 6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase: 7 nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso, 8 wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa. 9 Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so!

< Nnwom 8 >