< Nnwom 79 >

1 Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.
亞薩的詩。 上帝啊,外邦人進入你的產業, 污穢你的聖殿,使耶路撒冷變成荒堆,
2 Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduan ama wim nnomaa, na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa.
把你僕人的屍首交與天空的飛鳥為食, 把你聖民的肉交與地上的野獸,
3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a obesie awufo no.
在耶路撒冷周圍流他們的血如水, 無人葬埋。
4 Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo, fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
我們成為鄰國的羞辱, 成為我們四圍人的嗤笑譏刺。
5 Awurade, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana? Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?
耶和華啊,這到幾時呢? 你要動怒到永遠嗎? 你的憤恨要如火焚燒嗎?
6 Hwie wʼabufuw gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, ahenni a wɔmmɔ wo din no;
願你將你的忿怒倒在那不認識你的外邦 和那不求告你名的國度。
7 efisɛ wɔakum Yakob na wɔasɛe nʼatenae.
因為他們吞了雅各, 把他的住處變為荒場。
8 Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu.
求你不要記念我們先祖的罪孽,向我們追討; 願你的慈悲快迎着我們, 因為我們落到極卑微的地步。
9 Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no anuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din nti.
拯救我們的上帝啊,求你因你名的榮耀幫助我們! 為你名的緣故搭救我們,赦免我們的罪。
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se, “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
為何容外邦人說「他們的上帝在哪裏」呢? 願你使外邦人知道你在我們眼前 伸你僕人流血的冤。
11 Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
願被囚之人的歎息達到你面前; 願你按你的大能力存留那些將要死的人。
12 Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no, tua wɔn so ka mpɛn ason.
主啊,願你將我們鄰邦所羞辱你的羞辱 加七倍歸到他們身上。
13 Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no, beyi wo ayɛ daa nyinaa; efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso, yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ.
這樣,你的民,你草場的羊, 要稱謝你,直到永遠; 要述說讚美你的話,直到萬代。

< Nnwom 79 >