< Nnwom 78 >
1 Asaf dwom. Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.
Ein song til lærdom av Asaf. Lyd, mitt folk, på læra mi, legg øyra til det munnen min talar!
2 Mɛkasa wɔ abebu mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
Eg vil opna min munn med fyndord, eg vil lata gåtor frå gamall tid strøyma ut.
3 nneɛma a yɛate na yɛahu; nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
Det me hev høyrt og veit, og det våre feder hev fortalt oss,
4 Yɛremfa nkame wɔn mma; yɛbɛka akyerɛ nkyirimma Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no, ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.
det vil me ikkje dylja for deira born, men fortelja Herrens pris for den komande ætti, og hans styrke og hans under, som han hev gjort.
5 Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
Han hev sett upp eit vitnemål i Jakob, og ei lov hev han lagt i Israel, som han baud våre feder, til å kunngjera deim for borni,
6 sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua, mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
so den komande ætti, dei born som skulde verta fødde, kunde kjenna deim, at dei kunde koma fram og fortelja um deim til sine born,
7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe, na wobedi nʼahyɛde so.
og setja si von til Gud, og ikkje gløyma Guds verk, men taka vare på hans bodord,
8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom, a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo, wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu na woyɛ honhom mu atorofo ma no no.
og ikkje vera som deira feder, ei tver og tråssug ætt, ei ætt som ikkje gjorde sitt hjarta fast, og som i si ånd ikkje var trufast mot Gud.
9 Ɛwɔ mu sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no woguanee;
Efraims born, dei væpna bogeskyttarar, dei snudde på stridsdagen.
10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so, wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so.
Dei heldt ikkje Guds pakt og vilde ikkje ferdast i hans lov.
11 Wɔn werɛ fii nea wayɛ, anwonwade a wayɛ akyerɛ wɔn no.
Og dei gløymde hans storverk og hans under som han hadde synt deim.
12 Ɔyɛɛ anwonwade wɔ wɔn nenanom anim, wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
For deira feder hadde han gjort under i Egyptarlandet på Soans mark.
13 Ɔkyɛɛ po mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsu no gyinaa sɛ afasu.
Han kløyvde havet og let deim ganga igjenom, og let vatnet standa som ein haug.
14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyatɛn dii wɔn anim anadwo nyinaa.
Og han leidde deim med skyi um dagen, og heile natti ved elds ljos.
15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ sare so, na ɔmaa wɔn nsu a ɛdɔɔso sɛ po;
Han kløyvde berg i øydemarki og let deim drikka som av store vatsdjup.
16 Ɔmaa asuti fii abotan mu na ɔmaa nsu sen sɛ nsubɔnten.
Og han let bekkjer koma or fjellet og fekk vatn til å renna ned som elvar.
17 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ sare no so.
Men dei heldt endå på og synda imot honom, og var tråssuge mot den Høgste i øydemarki.
18 Wɔhyɛɛ da kaa aduan a wɔpɛ, de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe.
Og dei freista Gud i sitt hjarta, so dei kravde mat for si lyst.
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se, “Onyankopɔn betumi ato pon wɔ sare so ana?
Og dei tala imot Gud, dei sagde: «Kann vel Gud duka bord i øydemarki?
20 Ɔde ade bɔɔ ɔbotan mu no, nsu tue fii mu, na nsuwa sen buu so. Na obetumi ama yɛn aduan nso? Obetumi ama ne nkurɔfo nam ana?”
Sjå, han slo i berg, so vatn rann ut, og bekkjer fløymde. Tru han og kann gjeva brød, eller koma med kjøt til sitt folk?»
21 Bere a Awurade tee nea wɔreka no, ne bo fuw yiye; ne gya beguu Yakob so, na nʼabufuwhyew sɔre tiaa Israel,
Difor, då Herren høyrde det, vart han harm, og eld loga upp mot Jakob, og vreide reiste seg mot Israel;
22 efisɛ na wonni Onyankopɔn mu gyidi anaasɛ ne nkwagye mu ahotoso.
for dei trudde ikkje på Gud og leit ikkje på hans frelsa.
23 Nanso ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro wɔ ɔhyɛ so; na obuee ɔsorosoro apon.
Og han gav skyerne ovantil, og himmelportarne let han upp.
24 Ɔtɔɔ mana guu fam maa nnipa no sɛ wunni, ɔmaa wɔn ɔsoro aduan.
Og han let manna regna yver deim til føda, og himmelkorn gav han deim.
25 Nnipa dii abɔfo aduan; ɔmaa wɔn aduan a wobetumi adi nyinaa.
Englebrød fekk menneskje eta, nista sende han deim til mette.
26 Ogyaa apuei mframa fi ɔsoro, na ofi ne tumi mu bɔɔ atɔe mframa.
Han let austanvinden fara ut i himmelen, og han førde sunnanvinden fram ved si magt.
27 Ɔtɔɔ nam sɛ mfutuma guu wɔn so, nnomaa a wotu bebree sɛ mpoano nwea.
Og han let kjøt regna yver deim som dust, og fljugande fuglar som havsens sand,
28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenae, ne wɔn ntamadan ho nyinaa.
og han let deim falla ned midt i deira læger, kringum deira bustader.
29 Wodidi maa aduan no boroo wɔn so efisɛ ɔmaa wɔn nea wɔhwehwɛ.
Og dei åt og vart ovleg mette, og det dei hadde hug på, let han deim få.
30 Nanso ansa na wobefi aduan a wɔhwehwɛ no ho, bere a ɛhyehyɛ wɔn anom mpo no,
Dei var ikkje komne burt frå si lyst, endå hadde dei maten i munnen,
31 Onyankopɔn abufuw sɔree wɔn so; okum ahoɔdenfo a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmerante gui.
då steig Guds vreide upp imot deim, og han drap deira sterke menner hjå deim, og Israels ungdomar slo han ned.
32 Eyinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwonwade akyi no, wɔannye anni.
Med alt dette synda dei endå, og dei trudde ikkje på hans under.
33 Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ahuru yɛɛ wɔn mfe awiei huhuuhu.
Og han let deira dagar kverva i fåfengd, og deira år i rædsla.
34 Bere biara a Onyankopɔn bekum wɔn no, wɔhwehwɛ no na wɔpere wɔn ho san ba ne nkyɛn.
Når han slo deim ned, då spurde dei etter honom, og vende um og søkte Gud,
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no yɛ wɔn Gyefo.
og kom i hug at Gud var deira berg og den høgste Gud var deira atterløysar.
36 Nanso wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma atwa atoro akyerɛ no;
Men dei gjølte for honom med sin munn, og laug for honom med si tunga.
37 wɔn koma nni no nokware, na wonni nʼapam no so.
Og deira hjarta hekk ikkje fast ved honom, og dei var ikkje true mot hans pakt.
38 Nanso na ɔyɛ ahummɔbɔ; ɔde wɔn amumɔyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn pii, ɔtwentwɛn nʼabufuw so na wanhwie nʼabufuwhyew nyinaa.
Men han er miskunnsam, han forlet skuld og tyner ikkje, og mange gonger let han sin vreide venda um, og han vakte ikkje heile sin harm.
39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twa mu na ɛnsan nʼakyi.
Og han kom i hug at dei var kjøt, ein andepust som kverv og ikkje kjem att.
40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare no so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow wɔ asase wosee no so!
Kor ofte dei tråssa honom i øydemarki og gjorde honom sorg i audni!
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛɛ bere biara; na woyii Israel Ɔkronkronni no abufuw.
Og dei freista atter Gud og krenkte Israels Heilage.
42 Wɔn werɛ fii ne tumi no, da a ogyee wɔn fii wɔn nhyɛsofo nsam no,
Dei kom ikkje handi hans i hug, eller den dagen då han fria deim frå fienden,
43 da a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ Misraim no ne nʼanwonwade wɔ Soan mantam mu no.
då han gjorde sine teikn i Egyptarland, og sine undergjerningar på Soans mark.
44 Ɔmaa wɔn nsubɔnten dan mogya; wɔantumi annom wɔn nsuten mu nsu.
Og han gjorde deira elvar til blod, og sine rennande vatn kunde dei ikkje drikka.
45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaw wɔn na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.
Han sende imot deim flugesvermar som åt deim upp, og froskar som tynte deim.
46 Ɔmaa tɛwtɛw bedii wɔn mfuw so aduan na ɔde wɔn nnɔbae nso maa mmoadabi.
Og han gav deira grøda til gnagaren og deira arbeid til grashoppen.
47 Ɔde mparuwbo sɛee wɔn bobe na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua.
Han slo deira vintre ned med hagl og deira morbærtre med haglsteinar.
48 Ɔde sukyerɛmma kum wɔn anantwi ɔde anyinam kum wɔn nyɛmmoa.
Og han gav deira fe til haglet og deira hjorder til eldingarne.
49 Ohwiee nʼabufuwhyew guu wɔn so, abufuw, anibere ne ɔtan; abɔfo asɛefo kuw no.
Han sende på deim sin brennande vreide, sinne og harm og trengsla, ei sending av uferds-englar.
50 Ɔbɔɔ kwan maa nʼabufuw; na wamfa wɔn nkwa ankyɛ wɔn, mmom, ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
Han braut veg for sin vreide, han sparde ikkje deira sjæl for dauden, og deira liv gav han til sotti.
51 Okunkum Misraimfo mmakan nyinaa, Ham ntamadan mu nnipa mu abakan.
Og han slo alle fyrstefødde i Egyptarland, fyrstegrøda av dei sterke i Khams tjeld.
52 Nanso oyii ne nkurɔfo fii mu sɛ nguankuw; odii wɔn anim sɛ nguan wɔ sare no so.
Og han let sitt folk fara av stad som sauer, og førde deim som ei hjord i øydemarki.
53 Odii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfo de, po asorɔkye bu faa wɔn so.
Og han leidde deim trygt, og dei ræddast ikkje, men havet løynde deira fiendar.
54 Sɛɛ na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahye so, bepɔw asase a ɔde ne nsa nifa gyee no.
Og han førde deim til sitt heilage landmerke, det fjell som hans høgre hand hadde vunne.
55 Ɔpam amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapade; ɔbɔɔ Israel mmusuakuw no atenase wɔ wɔn afi mu.
Og han dreiv ut heidningar for deim, og let deira land falla til deim som arv, og let Israels ætter bu i deira tjeld.
56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; na wɔanni ne mmara so.
Men dei freista Gud, den Høgste, og tråssa honom, og hans vitnemål agta dei ikkje på.
57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokware na wɔannya gyidi, ahotoso nni wɔn mu na wɔte sɛ agyan a asɛe.
Og dei veik av og var utrugne som deira feder, dei vende um som ein veik boge.
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuw na wɔn ahoni maa ne ninkutwe mu yɛɛ den.
Dei harma honom med sine haugar og eggja honom med sine avgudar.
59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuwii; na ɔpoo Israel korakora.
Gud høyrde det og vart vreid, og han vart svært leid av Israel.
60 Ogyaw nʼatenae a ɛwɔ Silo no, ntamadan a wasi wɔ nnipa mu no.
Og han gjekk burt frå sin bustad i Silo, det tjeld han hadde slege upp millom menneskje.
61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommum mu, nʼanuonyam kɔɔ atamfo nsam.
Og han let sin styrke verta førd burt som fange, og gav si æra i fiendehand.
62 Ɔde ne nkurɔfo maa afoa; ne bo fuw nʼagyapade yiye.
Og han gav sitt folk til sverdet, og på sin arv harmast han.
63 Ogya hyew wɔn mmerante kum wɔn, na wɔn mmabaa annya ayeforohyia dwom anto;
Eld åt deira unge menner, og deira møyar fekk ingen bruresong.
64 Wɔn asɔfo wuwuu afoa ano, na wɔn akunafo antumi ansu.
Deira prestar fall for sverdet, og deira enkjor fekk ikkje syrgja
65 Afei Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu no, sɛnea ɔbarima a wabow nsa nyan fi nnahɔɔ mu no.
Då vakna Herren som ein sovande, som ei kjempa frå rus av vin.
66 Ɔbobɔɔ nʼatamfo ma woguan kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwu afebɔɔ.
Og han slo sine fiendar attende, og han førde yver deim æveleg skam.
67 Afei ɔpoo Yosef ntamadan no, na wamfa Efraim abusuakuw no nso;
Og han støytte burt Josefs tjeld, og Efraims ætt valde han ikkje ut.
68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuw no, Bepɔw Sion a ɔdɔ no no.
Men han valde Judas ætt, Sions fjell som han elska.
69 Osii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a etim hɔ daa.
Og han bygde sin heilagdom som høge fjell, liksom jordi som han hev grunnfest til æveleg tid.
70 Oyii ne somfo Dawid, ɔfrɛɛ no fii nguannan mu;
Og han valde ut David, sin tenar, og tok honom frå sauegrindarne.
71 fii nguan akyi na ɔde no bae se ɔmmɛyɛ oguanhwɛfo mma ne nkurɔfo Yakob, mma Israel a wɔyɛ nʼagyapade.
Han førde honom frå lambsauerne som han fylgde, til å gjæta Jakob, sitt folk, og Israel, sin arv.
72 Na Dawid de koma pa hwɛɛ wɔn so na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.
Og han gjætte deim etter sitt ærlege hjarta, og med si kloke hand leidde han deim.