< Nnwom 76 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Asaf dwom. Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.
למנצח בנגינת מזמור לאסף שיר נודע ביהודה אלהים בישראל גדול שמו׃
2 Ne ntamadan si Salem, ne tenabea wɔ Sion.
ויהי בשלם סכו ומעונתו בציון׃
3 Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.
שמה שבר רשפי קשת מגן וחרב ומלחמה סלה׃
4 Wo ho hann no hyerɛn, na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.
נאור אתה אדיר מהררי טרף׃
5 Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufo nna; na akofo no mu baako mpo ntumi mma ne nsa so.
אשתוללו אבירי לב נמו שנתם ולא מצאו כל אנשי חיל ידיהם׃
6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.
מגערתך אלהי יעקב נרדם ורכב וסוס׃
7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?
אתה נורא אתה ומי יעמד לפניך מאז אפך׃
8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm,
משמים השמעת דין ארץ יראה ושקטה׃
9 bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.
בקום למשפט אלהים להושיע כל ענוי ארץ סלה׃
10 Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.
כי חמת אדם תודך שארית חמת תחגר׃
11 Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.
נדרו ושלמו ליהוה אלהיכם כל סביביו יובילו שי למורא׃
12 Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; na asase so ahemfo suro no.
יבצר רוח נגידים נורא למלכי ארץ׃

< Nnwom 76 >