< Nnwom 76 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Asaf dwom. Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel. 2 Ne ntamadan si Salem, ne tenabea wɔ Sion. 3 Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu. 4 Wo ho hann no hyerɛn, na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no. 5 Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufo nna; na akofo no mu baako mpo ntumi mma ne nsa so. 6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. 7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim? 8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm, 9 bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, de gyee amanehunufo wɔ asase no so no. 10 Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. 11 Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no. 12 Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; na asase so ahemfo suro no.

< Nnwom 76 >