< Nnwom 75 >

1 Asaf dwom. Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
Þökk sé þér Drottinn! Máttarverk þín staðfesta umhyggju þína.
2 Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.
„Já, “svarar Drottinn, „og þegar stundin er komin mun ég refsa öllum illgjörðamönnum!
3 Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
Þótt jörðin nötri og íbúar hennar skjálfi af ótta, eru undirstöður hennar traustar, enda verk handa minna!“
4 Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.
Ég sagði hinum hrokafullu að láta af drambi sínu og illmennunum að hætta sínum ögrandi augnagotum,
5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiaabu nkasa.’”
að láta af þrjósku og hroka.
6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe anaa sare no so a obetumi ama obi so.
Velgengni og völd getur enginn þakkað sér sjálfum,
7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.
allt eru það gjafir frá Guði. Hann upphefur einn, en niðurlægir annan.
8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa nom ma ɛka ase puw.
Drottinn heldur á bikar fullum af freyðandi víni – það er dómurinn gegn illmennum heimsins. Þau skulu drekka hann í botn!
9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.
En ég mun vegsama Guð um aldur og ævi.
10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
Styrkur hinna óguðlegu verður að engu, en réttlátir skulu ríkja með reisn.

< Nnwom 75 >