< Nnwom 75 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, efisɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwonwade kyerɛ.
[For the Chief Musician. To the tune of "Do Not Destroy." A Psalm by Asaph. A song.] We give thanks to you, God. We give thanks, for your Name is near. Men tell about your wondrous works.
2 Woka se, “Me na mehyɛɛ bere a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mibu atɛntrenee.
When I choose the appointed time, I will judge blamelessly.
3 Sɛ asase ne so nnipa nyinaa wosow a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
The earth and all its inhabitants quake. I firmly hold its pillars. (Selah)
4 Meka kyerɛ ahantanfo se, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumɔyɛfo nso se, ‘Mommma mo mmɛn so.
I said to the arrogant, "Do not boast." I said to the wicked, "Do not lift up the horn.
5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiaabu nkasa.’”
Do not lift up your horn on high. Do not speak with a stiff neck."
6 Obiara mmfi apuei anaa atɔe anaa sare no so a obetumi ama obi so.
For neither from the east, nor from the west, nor yet from the south, comes exaltation.
7 Ɛyɛ Onyankopɔn na obu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforo so.
But God is the judge. He puts down one, and lifts up another.
8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsa bi a etwa ahuru a wɔde nnuhuam afra ahyɛ no ma; ohwie, na asase so amumɔyɛfo nyinaa nom ma ɛka ase puw.
For in the hand of YHWH there is a cup, full of foaming wine mixed with spices. He pours it out. Indeed the wicked of the earth drink and drink it to its very dregs.
9 Me de, mɛpae mu aka eyi daa daa; mɛto ayeyi dwom ama Yakob Nyankopɔn.
But I will declare this forever: I will sing praises to the God of Jacob.
10 Mebubu amumɔyɛfo nyinaa mmɛn, na atreneefo mmɛn de, wɔbɛma so.
I will cut off all the horns of the wicked, but the horns of the righteous shall be lifted up.

< Nnwom 75 >