< Nnwom 74 >
1 Asaf dwom. Ao, Onyankopɔn, adɛn nti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn nti na wʼabufuw hyew wʼadidibea nguan?
Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?
2 Kae nkurɔfo a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapade a wugyee wɔn no, Bepɔw Sion, faako a wote hɔ.
Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.
3 Dan wʼanammɔntu kyerɛ saa nnwiriwii a ɛto ntwa da yi, ɔtamfo no de saa ɔsɛe yi nyinaa aba wo kronkronbea no so.
Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.
4 Wʼatamfo bobɔɔ mu wɔ faako a wuhyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraehyɛde wɔ hɔ.
Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.
5 Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
6 Wɔde wɔn mmonnua ne nname bubuu nnua a wɔasen adi ho adwinni no.
Wɔde wɔn mmonnua ne nname bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.
7 Wɔhyew wo kronkronbea no dwerɛbee; woguu faako a wo Din te no ho fi.
Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee; wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.
8 Wɔkaa wɔ wɔn koma mu se, “Yebetiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” Wɔhyew baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
9 Wɔmmaa yɛn nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa biara; adiyifo no asa, na yɛn mu biara nnim nna dodow a ebedi.
Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; adiyifoɔ no nyinaa asa, na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.
10 Onyankopɔn, wʼatamfo bɛserew wo akosi da bɛn? Wɔn a wokyi wo no begu wo din ho fi daa ana?
Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?
11 Adɛn nti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? Yi fi wʼatade mmobɔwee no mu na sɛe wɔn.
Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.
12 Nanso Onyankopɔn yɛ me hene fi tete; wode nkwagye ba asase so.
Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete; wode nkwagyeɛ ba asase so.
13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee po mu no; wopɛtɛw nsu mu ɔwɔ no ti.
Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no; wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti.
14 Wopɛtɛw Lewiatan no ti na wode no maa sare so abɔde sɛ wɔn aduan.
Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane.
15 Wo na womaa nsuwa ne nsuti tuei; na womaa nsubɔnten a ɛsen yoyowee.
Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ; na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ.
16 Adekyee wɔ wo na adesae nso yɛ wo dea; wode owia ne ɔsram sisii hɔ.
Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea; wode owia ne ɔsrane sisii hɔ.
17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahye nyinaa; wobɔɔ ahohuru ne awɔw mmere.
Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa; wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ.
18 Awurade, kae sɛnea ɔtamfo no aserew wo, sɛnea nkwaseafo agu wo din ho fi.
Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ, sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.
19 Mmfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; mma wo werɛ mfi wo nkurɔfo a wɔrehu amane no nkwa afebɔɔ.
Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ.
20 Ma wʼapam no ho nhia wo, efisɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum mu ma.
Ma wʼapam no ho nhia wo, ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma.
21 Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan; ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din.
Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.
22 Ao, Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; kae sɛnea nkwaseafo serew wo da mu nyinaa.
Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa.
23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteɛteɛmu so, wʼatamfo gyegyeegyeyɛ a ɛkɔ soro daa no. Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔnto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” nne so.
Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so, wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.