< Nnwom 73 >

1 Asaf dwom. Ampa ara Onyankopɔn ye ma Israel, oye ma wɔn a wɔn koma mu tew.
A psalm of Asaph. Yes, God is good to the upright, the Lord to the pure in heart.
2 Nanso me de, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinaso,
But my feet were almost gone, my steps had nearly slipped,
3 efisɛ mʼani beree ahantanfo bere a mihuu amumɔyɛfo yiyedi no.
through envy of godless braggarts, when I saw how well they fared.
4 Wonni aperepere; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔwmuden.
For never a pang have they, their body is sound and sleek.
5 Dadwen a ɛtaa ba nnipa so biara nna wɔn so; ɔdesani haw biara nna wɔn so.
They have no trouble like mortals, no share in human pain.
6 Enti ahantan yɛ wɔn kɔnmuade, na wofura akakabensɛm.
So they wear their pride like a necklace, they put on the garment of wrong,
7 Wɔn koma a apirim no mu na nnebɔne fi; na wɔn amumɔyɛ adwene nni awiei.
their eyes stand out with fatness, their heart swells with riotous fancies.
8 Wɔserew afoforo na wɔka wɔn ho nsɛm a enye; wɔde nhyɛso hunahuna afoforo wɔ ahomaso mu.
Their speech is mocking and evil, condescending and crooked their speech.
9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.
They have set their mouth in the heavens, while their tongue struts about on the earth.
10 Ɛno nti wɔn nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsu nom ma ebu so.
Small wonder that people resort to them, and drink deep draughts of their lore.
11 Wobisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhumu ana?”
“How does God know?” they say, “And has the Most High any knowledge?”
12 Sɛɛ na amumɔyɛfo no te, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyade.
See! These are the godless, with wealth and ease ever increasing.
13 Ampa ara, mannya hwee amfi me komamtew mu; me nsa a enni fɔ no ayɛ ɔkwa.
Yes, in vain have I kept my heart pure, and washed my hands in innocence;
14 Da mu nyinaa mihu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
for all the day long was I plagued not a morning but I was chastised.
15 Sɛ mekae se, “Mɛkasa saa” a, anka midii wo mma no huammɔ.
But to resolve to speak like they do would be treachery to your children.
16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte eyinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so
So I sought to understand it, but a wearisome task it seemed:
17 kosii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee nea awiei no ɛbɛba wɔn so no ase.
till I entered the holy world of God and saw clearly their destiny.
18 Ampa ara wode wɔn gu faako a hɔ yɛ toro wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.
Yes, you set them on slippery places; down to destruction you hurl them.
19 Sɛnea wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no.
One moment and then what a horror of ruin! They are finished and ended in terrors.
20 Ɛte sɛ adaeso, bere a onipa anyan, Awurade, sɛ wokanyan wo ho a, wubebu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a enni hɔ.
Like a dream, when one wakes, shall they be, whose phantoms the waker despises.
21 Bere a awerɛhow hyɛɛ me koma mu na me honhom dii yaw no,
So my bitterness of mind and the pain that stabbed my heart
22 meyɛɛ sɛ obi a onnim hwee na onni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimfo wɔ wʼanim.
show how dull I was and stupid just like a beast before you.
23 Nanso na me ne wo wɔ hɔ bere biara; na wode wo nsa nifa aso me mu.
But I am always with you, you have hold of my right hand.
24 Wode wʼafotu kyerɛ me kwan; na akyiri no, wode me bɛkɔ anuonyam mu.
By a plan of yours you guide me and will afterward take me to glory.
25 Hena na mewɔ wɔ ɔsoro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
Whom have I in the heavens but you? And on earth there is none I desire beside you.
26 Me honam, ne me koma bedi me huammɔ, nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa.
Though flesh and heart waste away, yet God is the rock of my heart, yet God is my portion forever.
27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. Wosɛe wɔn a wonni wo nokware nyinaa.
For see! Those who are far from you must perish, you destroy all who are false to you.
28 Nanso me de, minim sɛ eye sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn. Mede Otumfo Awurade ayɛ me guankɔbea; mɛka wo nneyɛe nyinaa akyerɛ.
But I am happy when close to God; the Lord my God I have made my refuge, that I may recount all the things you have done.

< Nnwom 73 >