< Nnwom 72 >
1 Salomo dwom. Ao, Onyankopɔn, fa wʼatɛntrenee dom ɔhene no, na fa wo trenee ma ɔhene babarima.
Salomo dwom. Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no, na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.
2 Ɔde trenee bebu wo nkurɔfo atɛn, obebu wo nkurɔfo a wɔrehu amane no atɛntrenee.
Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn, ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.
3 Mmepɔw no de yiyedi bɛbrɛ nnipa no, nkoko no de trenee bɛba.
Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no, nkokoɔ no de tenenee bɛba.
4 Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufo na wagye wɔn a wonni bi mma nkwa; ɔbɛdwerɛw nhyɛsofo.
Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔ na woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa; ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.
5 Owia ne ɔsram da so wɔ hɔ yi wobesuro wo awo ntoatoaso nyinaa mu.
Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yi wɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
6 Ɔbɛyɛ sɛ osu a ɛtɔ gu asase a wɔadɔw so so, te sɛ obosu a egugu asase so.
Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so, te sɛ obosuo a ɛgugu asase so.
7 Atreneefo benyin frɔmfrɔm wɔ ne bere so; yiyedi bebu so akosi da a ɔsram nni hɔ bio.
Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so; yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio.
8 Obedi hene afi po akosi po, afi Asubɔnten Efrata akosi asase ano.
Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpo afiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano.
9 Sare so mmusua bɛkotow nʼanim na nʼatamfo adi mfutuma.
Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanim na nʼatamfoɔ adi mfuturo.
10 Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de sonkahiri bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛde bɛbrɛ no.
Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri de apeatoɔ bɛbrɛ no; Saba ne Seba ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.
11 Ahemfo nyinaa bɛkotow no, amanaman nyinaa bɛsom no.
Ahemfo nyinaa bɛkoto no amanaman nyinaa bɛsom no.
12 Na obegye mmɔborɔfo a wosu frɛ no, ne amanehunufo a wonni ɔboafo.
Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no, ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ.
13 Obehu wɔn a wɔayɛ mmrɛw ne ahiafo mmɔbɔ na wagye ahiafo nkwa.
Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔ na wagye ahiafoɔ nkwa.
14 Obegye wɔn afi nhyɛso ne akakabensɛm ase, efisɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.
Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu, ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.
15 Ɔhene nkwa so! ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfi Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpae mma no na wonhyira no da mu nyinaa.
Ɔhene nkwa so! Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no. Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma no na wɔnhyira no da mu nyinaa.
16 Aburow mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuan mmu so wɔ nkoko so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na enyin sɛ mfuw so sare.
Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa; nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so, ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon; na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ.
17 Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛ sɛ owia. Wɔbɛfa no so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.
Ne din bɛtena hɔ daa; ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia. Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no, na wɔbɛfrɛ no nhyira.
18 Nhyira nka Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwonwade.
Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn! Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.
19 Nhyira nka ne din a anuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanuonyam nhyɛ wiase nyinaa ma.
Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa. Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma.
20 Yisai ba Dawid mpaebɔ no awiei ni.
Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.