< Nnwom 71 >
1 Awurade, wo mu na maguan ahintaw; mma mʼanim ngu ase da.
Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta; mma mʼanim ngu ase da.
2 Wo trenee no nti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.
Wo tenenee no enti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.
3 Yɛ me nkwagye botan, faako a metumi akɔ daa; hyɛ ma wommegye me nkwa, na wone me botan ne mʼabandennen.
Yɛ me nkwagyeɛ botan faako a mɛtumi akɔ daa; hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa, na wo ne me botan ne mʼaban.
4 Me Nyankopɔn, gye me fi amumɔyɛfo nsam, gye me fi nnebɔneyɛfo ne atirimɔdenfo nsam.
Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam, gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.
5 Na woayɛ mʼanidaso, Asafo Awurade, mʼahotoso fi me mmabun bere mu.
Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.
6 Mede me ho ato wo so fi awo mu; wo na wuyii me fii me na yafunu mu. Mɛkamfo wo daa.
Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa.
7 Mayɛ nsɛnkyerɛnne ama bebree, nanso wo ne me guankɔbea dennen.
Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden.
8 Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanuonyam da mu nyinaa.
Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.
9 Ntow me nkyene bere a mabɔ akwakoraa; mʼahoɔden sa wɔ me mu a, nnyaw me.
Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa; mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.
10 Efisɛ mʼatamfo kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wobekum me no bɔ mu pam me ti so.
Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.
11 Wɔka se, “Onyankopɔn agyaw no mu; momma yentiw no na yɛnkyere no, na obiara nni hɔ a obegye no.”
Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu; momma yɛnti no na yɛnkyere no, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.”
12 Me Nyankopɔn, mfi me nkyɛn nkɔ akyiri; Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri; Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
13 Ma wɔn a wɔbɔ me sobo no nsɛe wɔ animguase mu; wɔn a wɔpɛ sɛ wopira me no ma ahohora ne animguase nkata wɔn so.
Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu; wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me no ma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so.
14 Nanso me de, menya anidaso daa; mɛkɔ so akamfo wo.
Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa; mɛkɔ so makamfo wo.
15 Mɛka wo trenee ho asɛm, ne wo nkwagye da mu nyinaa, nanso minnim ano.
Mɛka wo tenenee ho asɛm, ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa, nanso mennim ano.
16 Otumfo Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛse no; mɛpae mu aka wo trenee, wo nko ara de no, akyerɛ.
Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.
17 Onyankopɔn, efi me mmabun bere na wokyerɛkyerɛɛ me, na ebesi nnɛ yi meka wʼanwonwade a woayɛ kyerɛ.
Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.
18 Mpo sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen a, Onyankopɔn, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
19 Onyankopɔn, wo trenee du ɔsorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛse. Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?
Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?
20 Mmom woama mahu ɔhaw bebree a ɛyɛ yaw; nanso wobɛma me nkwa bio; na wubeyi me bio, afi asase yam.
Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea; nanso wobɛma me nkwa bio; na wobɛyi me bio afiri asase ase.
21 Wobɛhyɛ me anuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio.
Wobɛhyɛ me animuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio.
22 Mede sanku bɛkamfo wo me Nyankopɔn, wo trenee nti mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so, Israel Kronkronni.
Mede sankuo bɛkamfo wo Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so Ao Israel Kronkronni.
23 Mʼanofafa de anigye bɛteɛ mu bere a meto dwom kamfo wo, me a woagye me no.
Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ, me a woagye me no.
24 Me tɛkrɛma bɛka wo trenee nnwuma da mu nyinaa, efisɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no kɔ animguase ne basaayɛ mu.
Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma da mu nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no kɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu.