< Nnwom 70 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid adesrɛ dwom. Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Awurade bra ntɛm bɛboa me.
達味紀念歌,交與樂官。 天主,求您快來拯救我,上主,求您速來援助我。
2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.
願那些圖謀殺害我的人,受辱退去,願那些喜歡我遭難的人,含羞出走!
3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
願那些向我哈哈戲笑的人,個個滿面羞慚而退去無影?
4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”
願那些尋求您的人,都因您歡欣鼓舞,願戀慕您救恩的人,都常說:大哉天主!
5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.
天主,我實在卑微又貧苦,求您速來救我;上主,您是我的助佑和救援,求您不要延擱。

< Nnwom 70 >