< Nnwom 7 >
1 Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa Awurade. Awurade me Nyankopɔn, miguan toa wo; Gye me fi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
Господе, Боже мој! У Тебе се уздам, сачувај ме од свих који ме гоне, и избави ме.
2 anyɛ saa a wɔbɛtetew me mu sɛ gyata na wɔatetew me mu asinasin a obiara rentumi nnye me.
Да ми непријатељ не ишчупа душу као лав. Чупа, а нема ко да избави.
3 Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ eyi na sɛ afɔdi aba me so a,
Господе, Боже мој! Ако сам то учинио, ако је неправда у рукама мојим,
4 sɛ mayɛ bɔne atia nea ɔne me te yiye, anaasɛ mabɔ me tamfo korɔn kwa a,
Ако сам зло вратио пријатељу свом, или криво учинио онима који на ме на правди нападаху;
5 ɛno de ma mʼatamfo ntaa me na wɔmmɛto me; ma wontiatia me so wɔ fam, na wɔmma me funu nna mfutuma mu.
Нека гони непријатељ душу моју, и нека је стигне, и погази на земљу живот мој и славу моју у прах обрати.
6 Sɔre wɔ wʼabufuw mu, Awurade! Sɔre tia mʼatamfo abufuw. Nyan, me Nyankopɔn; hyɛ atɛntrenee mmara.
Устани, Господе, у гневу свом; дигни се на жестину непријатеља мојих; пробуди се мени на помоћ, и отвори суд.
7 Ma nnipadɔm mmetwa wo ho nhyia. Fi ɔsoro hɔ di wɔn so;
И људство ће се слећи око Тебе; изнад њега изађи у висину.
8 ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Awurade sɛnea me trenee te, sɛnea me nokwaredi te, Ao, Ɔsorosoroni.
Господ суди народима. Суди ми, Господе, по правди мојој, и по безазлености мојој нека ми буде.
9 Onyankopɔn treneeni, wo a wohwehwɛ adwene ne koma mu, fa amumɔyɛfo basabasayɛ bra awiei na ma atreneefo nnya bammɔ.
Нек се прекине злоћа безбожничка, а праведника потпомози, јер Ти испитујеш срца и утробе, Боже праведни!
10 Me nkatabo ne Ɔsorosoro Nyankopɔn nea ogye koma mu treneeni no.
Штит је мени у Бога, који чува оне који су правог срца.
11 Onyankopɔn yɛ otemmufo treneeni, Onyame a ɔda nʼabufuwhyew adi da biara.
Бог је праведан судија, и Бог је сваки дан готов на гнев.
12 Sɛ wansesa nʼadwene a, ɔbɛsew nʼafoa ano; obekuntun ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
Ако се неће безбожник да обрати, Он оштри мач свој, натеже лук свој, и наперује га;
13 Wasiesie nʼakode a ɛyɛ hu; ayɛ ne bɛmma a ɛredɛw no krado.
И запиње смртну стрелу, чини стреле своје да пале.
14 Nea onyinsɛn amumɔyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
Гле, безбожник заче неправду, трудан беше злочинством, и роди себи превару.
15 Nea otu tokuru, na oyi mu dɔte no hwe tokuru a watu no mu.
Копа јаму и ископа, и паде у јаму коју је начинио.
16 Ɔhaw a ɔde ba no dan bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa ti so.
Злоба његова обрати се на његову главу, и злочинство његово паде на теме његово.
17 Mede aseda bɛma Awurade, ne trenee nti, na mato ayeyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no “gittit” sanku nne so.
Хвалим Господа за правду Његову, и певам имену Господа Вишњег.