< Nnwom 69 >

1 Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa na nsu no abɛdeda me kɔn mu.
Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, gye me nkwa na nsuo no abɛdeda me kɔn mu.
2 Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu, wɔ baabi a mʼanan nnya sibea. Madu bun mu na nsu abu afa me so.
Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu, wɔ baabi a me nan nnya siberɛ. Maduru subunu mu na nsuo abu afa me so.
3 Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa. Me mene mu ayow. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Nyankopɔn.
Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa. Me mene mu awe. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Onyankopɔn.
4 Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me ti so nwi; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennan nea minnwiae no mma.
Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso sene me tiri so nwi; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennane deɛ menwiaaɛ no mma.
5 Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm; mʼafɔdi nhintaw wo.
Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ; mʼafɔdie nhintaa wo.
6 Awurade, Awurade Tweduampɔn, mma wɔn a wɔn ani da wo so no, anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade; Israel Nyankopɔn, mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim ngu ase esiane me nti.
Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no anim ngu ase ɛsiane me enti, Ao Awurade, Asafo Awurade; mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim ngu ase me enti, Ao Israel Onyankopɔn.
7 Wo nti migyina animka ano, na aniwu kata mʼanim.
Wo enti wobu me animtiaa, na aniwuo akata mʼanim.
8 Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu, mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu,
Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu, mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu,
9 na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.
na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so.
10 Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a wɔbɔ me ahohora;
Sɛ metwa adwo na medi mmuada a wɔbɔ me ahohora;
11 sɛ mifura atweaatam a nnipa de me yɛ aserewde.
sɛ mefira ayitoma a nnipa de me yɛ aseredeɛ.
12 Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me, na akɔwensafo de me din to dwom.
Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me, na akɔwensafoɔ de me din to dwom.
13 Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade, wɔ wʼadom bere mu; wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn, fa wo nokware nkwagye no gye me so.
Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade, wɔ wʼadom berɛ mu; wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn, fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.
14 Yi me fi dontori no mu, mma memmem wɔ mu; gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam, ne nsu bun mu.
Yi me firi atɛkyɛ no mu, mma memmem wɔ mu; gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, ne nsu bunu mu.
15 Mma nsu nnyiri mmfa me anaa bun mmene me anaa amoa nkata me so.
Mma nsuo nnyiri mfa me anaa ebunu mmene me anaa amena nkata me so.
16 Awurade, gye me so fi wʼadɔe a eye no mu; wʼadom nti, dan bɛhwɛ me.
Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.
17 Mfa wʼanim nhintaw wo somfo; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
18 Twiw bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfo nti.
Twi bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti.
19 Wunim sɛnea wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wotiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfo nyinaa.
Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa.
20 Kasatia ahyɛ me koma so ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo; mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.
Kasatia ahyɛ mʼakoma so ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.
21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen.
Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.
22 Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri; ma ɛnyɛ akatua ne afide mma wɔn.
Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie; ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn.
23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade, na ma wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.
Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.
24 Hwie wʼabufuwhyew gu wɔn so; na ma wʼabufuw huhuhuhu no mmra wɔn so.
Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so; na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so.
25 Ma wɔn fi nyɛ amamfo; mma obiara ntena wɔn ntamadan mu.
Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo; mma obiara ntena wɔn ntomadan mu.
26 Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no, wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm.
Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no, wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm.
27 Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn; mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.
Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa.
28 Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu, mfa wɔn din nka atreneefo de ho.
Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu, mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho.
29 Mewɔ ɔyaw ne ahohiahia mu; Onyankopɔn, ma wo nkwagye no mmɔ me ho ban.
Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban.
30 Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no anuonyam.
Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no animuonyam.
31 Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye asen nantwi, asen nantwinini a otua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie, asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
32 Mmɔborɔni behu na nʼani agye, mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no koma benya nkwa.
Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye, mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa.
33 Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa.
Awurade tie wɔn a adeɛ ahia wɔn, na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa.
34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, po ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
35 efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwa na wakyekye Yuda nkuropɔn no bio. Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de;
ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio. Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea;
36 Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< Nnwom 69 >