< Nnwom 67 >
1 Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.
na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.
3 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
5 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
7 Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.