< Nnwom 66 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛw nteɛ mu mma Onyankopɔn!
Acclamate a Dio da tutta la terra, Al maestro del coro. Canto. Salmo.
2 Monto ne din anuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayeyi nyɛ anuonyamhyɛ!
cantate alla gloria del suo nome, date a lui splendida lode.
3 Munse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛe yɛ nwonwa dodo! Wo tumi so mmoroso a wʼatamfo nyinaa de osuro kotow wʼanim.
Dite a Dio: «Stupende sono le tue opere! Per la grandezza della tua potenza a te si piegano i tuoi nemici.
4 Asase nyinaa kotow wo; wɔto ayeyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.”
A te si prostri tutta la terra, a te canti inni, canti al tuo nome».
5 Mommra mmɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ; anwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.
Venite e vedete le opere di Dio, mirabile nel suo agire sugli uomini.
6 Ɔmaa po yɛɛ asase kesee; wɔnantew twaa nsu no mommra mma yenni ahurusi wɔ no mu.
Egli cambiò il mare in terra ferma, passarono a piedi il fiume; per questo in lui esultiamo di gioia.
7 Ɔde ne tumi di hene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatewfo nsɔre ntia no.
Con la sua forza domina in eterno, il suo occhio scruta le nazioni; i ribelli non rialzino la fronte.
8 Aman nyinaa, munhyira yɛn Nyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyigyei;
Benedite, popoli, il nostro Dio, fate risuonare la sua lode;
9 wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn anan anwatiri.
è lui che salvò la nostra vita e non lasciò vacillare i nostri passi.
10 Na wo, Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛe; na wonan yɛn sɛ dwetɛ.
Dio, tu ci hai messi alla prova; ci hai passati al crogiuolo, come l'argento.
11 Wode yɛn koguu afiase na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
Ci hai fatti cadere in un agguato, hai messo un peso ai nostri fianchi.
12 Womaa yɛn atamfo twiw faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsu mu, nanso wode yɛn baa faako a nnepa abu so.
Hai fatto cavalcare uomini sulle nostre teste; ci hai fatto passare per il fuoco e l'acqua, ma poi ci hai dato sollievo.
13 Mede ɔhyew afɔre bɛba wʼasɔredan mu na madi bɔ a mahyɛ wo no so,
Entrerò nella tua casa con olocausti, a te scioglierò i miei voti,
14 bɔ a mʼanofafa hyɛe, na mʼano kaa bere a na mewɔ ɔhaw mu no.
i voti pronunziati dalle mie labbra, promessi nel momento dell'angoscia.
15 Mede mmoa a wɔadɔ srade bɛbɔ afɔre ama wo; adwennini ayɛyɛde; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔre.
Ti offrirò pingui olocausti con fragranza di montoni, immolerò a te buoi e capri.
16 Mommra mmetie, mo a musuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka nea wayɛ ama me nkyerɛ mo.
Venite, ascoltate, voi tutti che temete Dio, e narrerò quanto per me ha fatto.
17 Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
A lui ho rivolto il mio grido, la mia lingua cantò la sua lode.
18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ me koma mu a, anka Awurade antie me.
Se nel mio cuore avessi cercato il male, il Signore non mi avrebbe ascoltato.
19 Nanso nokware, Onyankopɔn atie me, wate me mpaebɔ.
Ma Dio ha ascoltato, si è fatto attento alla voce della mia preghiera.
20 Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaebɔ na wanyi nʼadɔe amfi me so.
Sia benedetto Dio che non ha respinto la mia preghiera, non mi ha negato la sua misericordia.

< Nnwom 66 >