< Nnwom 63 >
1 Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe. Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn Mehwehwɛ wo anibere so; wo ho sukɔm de me kra, me nipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na asade nni mu so, faako a nsu nni.
(En salme af David, da han var i Judas ørken.) Gud, du er min Gud, dig søger jeg, efter dig tørster min Sjæl, efter dig længes mit Kød i et tørt, vansmægtende, vandløst Land
2 Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahu wo tumi ne wʼanuonyam.
(således var det, jeg så dig i Helligdommen) for at skue din Vælde og Ære;
3 Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.
thi din Nåde er bedre end Liv, mine Læber skal synge din Pris.
4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛma me nsa so.
Da vil jeg love dig hele mit Liv, opløfte Hænderne i dit Navn,
5 Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi; mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.
Som med fede Retter mættes min Sjæl, med jublende Læber priser min Mund dig,
6 Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.
når jeg kommer dig i Hu på mit Leje, i Nattevagterne tænker på dig;
7 Efisɛ wone me boafo, wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.
thi du er blevet min Hjælp, og jeg jubler i dine Vingers Skygge.
8 Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu.
Dig klynger min Sjæl sig til, din højre holder mig fast.
9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
Forgæves står de mig efter livet, i Jordens Dyb skal de synke,
10 Wɔbɛdan wɔn ama afoa na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.
gives i Sværdets Vold og vorde Sjakalers Bytte.
11 Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wobemua atorofo ano. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Men Kongen glædes i Gud; enhver, der sværger ved ham, skal juble, thi Løgnernes Mund skal lukkes.