< Nnwom 63 >

1 Dawid dwom. Bere a ɔwɔ Yuda Sare so no na ɔtoe. Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn Mehwehwɛ wo anibere so; wo ho sukɔm de me kra, me nipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na asade nni mu so, faako a nsu nni. 2 Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahu wo tumi ne wʼanuonyam. 3 Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam. 4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛma me nsa so. 5 Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi; mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ. 6 Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho. 7 Efisɛ wone me boafo, wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom. 8 Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu. 9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn. 10 Wɔbɛdan wɔn ama afoa na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman. 11 Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wobemua atorofo ano.

< Nnwom 63 >