< Nnwom 62 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun. Dawid dwom. Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu; me nkwagye fi ne nkyɛn.
in finem pro Idithun psalmus David nonne Deo subiecta erit anima mea ab ipso enim salutare meum
2 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.
nam et ipse Deus meus et salutaris meus susceptor meus non movebor amplius
3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn, mo nyinaa besum me ahwe fam ana? Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?
quousque inruitis in hominem interficitis universi vos tamquam parieti inclinato et maceriae depulsae
4 Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no afi ne dibea a ɛkorɔn no so; wɔn ani gye atorodi ho. Wɔde wɔn ano hyira na wɔn koma mu de, wɔdome.
verumtamen pretium meum cogitaverunt repellere cucurri in siti ore suo benedicebant et corde suo maledicebant diapsalma
5 Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu; na ne mu na mʼanidaso wɔ.
verumtamen Deo subiecta esto anima mea quoniam ab ipso patientia mea
6 Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye; ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.
quia ipse Deus meus et salvator meus adiutor meus non emigrabo
7 Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.
in Deo salutare meum et gloria mea Deus auxilii mei et spes mea in Deo est
8 Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa; monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no, efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.
sperate in eo omnis congregatio populi effundite coram illo corda vestra Deus adiutor noster in aeternum
9 Nnipa nyinaa te sɛ home; akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee; sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee; wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.
verumtamen vani filii hominum mendaces filii hominum in stateris ut decipiant ipsi de vanitate in id ipsum
10 Mommfa mo ho nto asisi so na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho; ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de, nanso mommfa mo koma nto so.
nolite sperare in iniquitate et rapinas nolite concupiscere divitiae si affluant nolite cor adponere
11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka, nsɛm abien na mate sɛ, wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,
semel locutus est Deus duo haec audivi quia potestas Dei
12 na wo, Awurade, na woyɛ adɔe, ampa ara wubetua obiara ka sɛnea nʼadwuma te.
et tibi Domine misericordia quia tu reddes unicuique iuxta opera sua

< Nnwom 62 >