< Nnwom 61 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ.
ऐ ख़ुदा, मेरी फ़रियाद सुन! मेरी दुआ पर तवज्जुह कर।
2 Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.
मैं अपनी अफ़सुर्दा दिली में ज़मीन की इन्तिहा से तुझे पुकारूँगा; तू मुझे उस चट्टान पर ले चल जो मुझसे ऊँची है;
3 Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.
क्यूँकि तू मेरी पनाह रहा है, और दुश्मन से बचने के लिए ऊँचा बुर्ज।
4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
मैं हमेशा तेरे खे़मे में रहूँगा। मैं तेरे परों के साये में पनाह लूँगा।
5 Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.
क्यूँकि ऐ ख़ुदा तूने मेरी मिन्नतें क़ुबूल की हैं तूने मुझे उन लोगों की सी मीरास बख़्शी है जो तेरे नाम से डरते हैं।
6 To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.
तू बादशाह की उम्र दराज़ करेगा; उसकी उम्र बहुत सी नसलों के बराबर होगी।
7 Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.
वह ख़ुदा के सामने हमेशा क़ाईम रहेगा; तू शफ़क़त और सच्चाई को उसकी हिफ़ाज़त के लिए मुहय्या कर।
8 Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.
यूँ मैं हमेशा तेरी मदहसराई करूँगा, ताकि रोज़ाना अपनी मिन्नतें पूरी करूँ।

< Nnwom 61 >