< Nnwom 61 >
1 Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ.
Přednímu z kantorů na neginot, Davidův. Slyš, ó Bože, volání mé, pozoruj modlitby mé.
2 Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.
Od konce země v sevření srdce svého k tobě volám, na skálu nade mne vyšší uvediž mne.
3 Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.
Nebo jsi býval mé útočiště, a pevná věže před tváří nepřítele.
4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
Buduť bydliti v stánku tvém na věky, schráním se v skrýši křídel tvých. (Sélah)
5 Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.
Ty jsi zajisté, Bože, vyslyšel žádosti mé, dal jsi dědictví bojícím se jména tvého.
6 To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.
Ke dnům krále více dnů přidej, ať jsou léta jeho od národu do pronárodu,
7 Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.
Ať bydlí na věky před tváří Boží; milosrdenství a pravdu nastroj, ať ho ostříhají.
8 Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun.
A tak žalmy zpívati budu jménu tvému na věky, a sliby své plniti budu den po dni.