< Nnwom 60 >

1 Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no. Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!
Dios, desechástenos, disipástenos; airástete, vuélvete a nosotros.
2 Woawosow asase no na woapae mu; toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.
Hiciste temblar la tierra, abrístela; sana sus quebraduras, porque titubea.
3 Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne; woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.
Hiciste ver a tu pueblo duras cosas: hicístenos beber vino de temblor.
4 Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so sɛ wontu ntia agyan no.
Has dado a los que te temen una bandera que alcen por amor de la verdad. (Selah)
5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Para que se escapen tus amados: salva con tu diestra, y óyeme.
6 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon no.
Dios habló en su santidad: Yo me alegraré: partiré a Siquem, y mediré al valle de Socot.
7 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
Mío es Galaad, y mío es Manasés: y Efraím es la fortaleza de mi cabeza; Judá mi legislador;
8 Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
Moab, la olla de mi lavatorio: sobre Edom echaré mi zapato; sobre mí triunfa, o! Palestina.
9 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
¿Quién me llevará a la ciudad fortalecida? ¿quién me llevará hasta Idumea?
10 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
Ciertamente tú, o! Dios, que nos habías desechado; y no salías, o! Dios, con nuestros ejércitos.
11 Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
Dános socorro contra el enemigo, que vana es la salud de los hombres.
12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
En Dios haremos proezas; y él pisará nuestros enemigos.

< Nnwom 60 >