< Nnwom 60 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.” Dawid “Miktam” dwom. Wɔde yɛ nkyerɛkyerɛ. Ɔtoo no bere a ɔne Aram Naharanfo ne Aram Zobafo koe na Yoab san kokum Edomfo mpem dumien wɔ Nkyene Bon mu no. Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!
Para el músico principal. Con la melodía de “El Lirio de la Alianza”. Un poema didáctico de David, cuando luchó con Aram Naharaim y con Aram Zobah, y Joab volvió, y mató a doce mil de Edom en el Valle de la Sal. Dios, nos has rechazado. Nos has destrozado. Te has enfadado. Restablézcanos, de nuevo.
2 Woawosow asase no na woapae mu; toatoa nea abubu no, efisɛ ɛrehinhim.
Has hecho temblar la tierra. Lo has roto. Arreglar sus fracturas, porque tiembla.
3 Woama wo nkurɔfo ahu mmere bɔne; woama yɛn nsa a ɛma yɛtɔ ntintan.
Has mostrado a tu pueblo cosas difíciles. Nos has hecho beber el vino que nos hace tambalear.
4 Nanso wɔn a wosuro wo de, woama wɔn frankaa so sɛ wontu ntia agyan no.
Has dado un estandarte a los que te temen, para que se muestre por la verdad. (Selah)
5 Gye yɛn nkwa na fa wo nsa nifa boa yɛn, na ama wɔn a wodɔ wɔn no anya nkwa.
Para que tu amado sea liberado, salva con tu mano derecha, y respóndenos.
6 Onyankopɔn akasa afi ne kronkronbea se, “Nkonim mu, mɛkyɛ Sekem mu, na masusuw Sukot bon no.
Dios ha hablado desde su santuario: “Voy a triunfar. Dividiré Siquem, y medir el valle de Succoth.
7 Gilead yɛ me de; Manase nso saa ara; Efraim yɛ me dade kyɛw, Yuda yɛ mʼahempema.
Mío es Galaad y mío es Manasés. Efraín también es la defensa de mi cabeza. Judá es mi cetro.
8 Moab yɛ me guasɛn, Edom so na metow me mpaboa gu; na meteɛ mu nkonimdi so gu Filistifo so.”
Moab es mi lavabo. Lanzaré mi sandalia sobre Edom. Grito de triunfo sobre Filistea”.
9 Hena na ɔde me bɛkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu? Hena na obedi mʼanim akɔ Edom?
¿Quién me llevará a la ciudad fuerte? ¿Quién me ha llevado a Edom?
10 Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woapo yɛn na wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio ana?
¿No nos has rechazado, Dios, a nosotros? No sales con nuestros ejércitos, Dios.
11 Boa yɛn tia ɔtamfo no, na ɔdesani mmoa nka hwee.
Danos ayuda contra el adversario, porque la ayuda del hombre es vana.
12 Onyankopɔn wɔ yɛn afa yi, yebedi nkonim, na obetiatia yɛn atamfo so.
Por medio de Dios lo haremos con valentía, ya que es él quien va a pisotear a nuestros adversarios.

< Nnwom 60 >