< Nnwom 6 >

1 Dawid dwom. Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.
לַמְנַצֵּ֣חַ בִּ֭נְגִינוֹת עַֽל־הַשְּׁמִינִ֗ית מִזְמ֥וֹר לְדָוִֽד׃ יְֽהוָ֗ה אַל־בְּאַפְּךָ֥ תוֹכִיחֵ֑נִי וְֽאַל־בַּחֲמָתְךָ֥ תְיַסְּרֵֽנִי׃
2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.
חָנֵּ֥נִי יְהוָה֮ כִּ֤י אֻמְלַ֫ל אָ֥נִי רְפָאֵ֥נִי יְהוָ֑ה כִּ֖י נִבְהֲל֣וּ עֲצָמָֽי׃
3 Me kra wɔ ahohia mu. Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?
וְ֭נַפְשִׁי נִבְהֲלָ֣ה מְאֹ֑ד וְאַתָּ֥ה יְ֝הוָ֗ה עַד־מָתָֽי׃
4 San bra, Awurade, na begye me nkwa; gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.
שׁוּבָ֣ה יְ֭הוָה חַלְּצָ֣ה נַפְשִׁ֑י ה֝וֹשִׁיעֵ֗נִי לְמַ֣עַן חַסְדֶּֽךָ׃
5 Obi a wawu no renkae wo da, hena na ofi ɔda mu kamfo wo? (Sheol h7585)
כִּ֤י אֵ֣ין בַּמָּ֣וֶת זִכְרֶ֑ךָ בִּ֝שְׁא֗וֹל מִ֣י יֽוֹדֶה־לָּֽךְ׃ (Sheol h7585)
6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii.
יָגַ֤עְתִּי ׀ בְּֽאַנְחָתִ֗י אַשְׂחֶ֣ה בְכָל־לַ֭יְלָה מִטָּתִ֑י בְּ֝דִמְעָתִ֗י עַרְשִׂ֥י אַמְסֶֽה׃
7 Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.
עָֽשְׁשָׁ֣ה מִכַּ֣עַס עֵינִ֑י עָֽ֝תְקָ֗ה בְּכָל־צוֹרְרָֽי׃
8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! efisɛ Awurade ate me sufrɛ.
ס֣וּרוּ מִ֭מֶּנִּי כָּל־פֹּ֣עֲלֵי אָ֑וֶן כִּֽי־שָׁמַ֥ע יְ֝הוָ֗ה ק֣וֹל בִּכְיִֽי׃
9 Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ.
שָׁמַ֣ע יְ֭הוָה תְּחִנָּתִ֑י יְ֝הוָ֗ה תְּֽפִלָּתִ֥י יִקָּֽח׃
10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase na wɔn ho adwiriw wɔn; na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.
יֵבֹ֤שׁוּ ׀ וְיִבָּהֲל֣וּ מְ֭אֹד כָּל־אֹיְבָ֑י יָ֝שֻׁ֗בוּ יֵבֹ֥שׁוּ רָֽגַע׃

< Nnwom 6 >