< Nnwom 59 >
1 Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no. Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.
Zborovođi. Po napjevu “Ne pogubi!” Davidov. Miktam. Kad je Šaul opkolio kuću da ubije Davida. Izbavi me od dušmana, Bože moj, zaštiti me od mojih protivnika!
2 Gye me fi amumɔyɛfo nsam. Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.
Izbavi me od bezakonika, od krvoloka spasi me!
3 Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
Jer evo: dušu moju vrebaju, na me ustadoše silnici. Nema na meni krivnje, o Jahve, ni grijeha:
4 Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so. Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
bez moje krivnje na me nasrću. Probudi se! Dođi mi u pomoć i pogledaj,
5 Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
Jahve, Bože nad Vojskama, Bože Izraelov! Preni se, kazni sve pogane, podlacima nemoj se smilovati!
6 Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
Uvečer se vraćaju, reže poput pasa i trče po gradu.
7 Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom, wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa, na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
Gle, kako bljuju ustima; kletve su im na usnama i govore: “Tko nas čuje?”
8 Nanso wo Awurade, woserew wɔn; wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.
No, ti im se smiješ, o Jahve, i rugaš se poganima svima.
9 Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,
Jakosti moja, gledat ću na te, jer ti si, Bože, zaštita moja, Bog moj, milosrđe moje.
10 me Nyankopɔn a metumi atweri no. Onyankopɔn bedi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
Bog neka mi pohiti u susret, nek' me razveseli nad dušmanima mojim!
11 Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo, na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn. Wo tumi mu no tutu wɔn ase, na brɛ wɔn ase.
Pobij ih, Bože, da mi narod ne zavode, zbuni i obori ih jakošću svojom, štite naš, Gospodine.
12 Bɔne a efi wɔn anom, ne wɔn ano nsɛm nti ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
Grijeh je svaka riječ usta njihovih: nek se uhvate u svoju oholost, u kletve i laži što ih govore!
13 sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu, kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
Istrijebi ih u gnjevu, istrijebi da nestanu, nek' se zna da Bog vlada u Jakovu i do nakraj zemlje!
14 Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
Uvečer se vraćaju, reže poput pasa i trče po gradu.
15 Wokyinkyin pɛ aduan na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.
Nek' lutaju okolo tražeći hranu; i kad se nasite, neka zavijaju.
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa; efisɛ woyɛ mʼabandennen, me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
A ja ću opjevati silu tvoju i klicat ću jutrom milosrđu tvome, jer mi ti postade utočište i sklonište u dan nevolje.
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Susan Edut.”
Jakosti moja, tebi ću pjevati, jer ti si, Bože, zaštita moja, Bog moj, milosrđe moje.