< Nnwom 59 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Nsɛe No” sanku nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no bere a Saulo soma kɔwɛn Dawid fi sɛ wonkokum no no. Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.
達味金詩,交與樂官。調寄「莫要毀壞」。 我主,求你由我的仇敵中,救我免難,求你從攻擊我者中,使戈脫險;
2 Gye me fi amumɔyɛfo nsam. Gye me nkwa fi mogyapɛfo nsam.
求你救我脫離為非作歹的人,求你救我脫離好流人血的人。
3 Hwɛ sɛnea wɔatɛw rehwehwɛ me akum me! Nnipa a wɔn ho yɛ hu bɔ pɔw bɔne tia me a emfi me mfomso anaa bɔne bi, Awurade.
上主,你看,我雖然沒有作過惡,沒有犯過罪,但強橫人為害我的性命,卻群起與我作對。
4 Menyɛɛ mfomso bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛtow ahyɛ me so. Sɔre begye me; hwɛ mʼamanehunu!
我雖然無辜,他們卻跑來挑戰,求你醒來扶助我,且予以察看。
5 Wo, Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhu amumɔyɛfo nkontompofo no mmɔbɔ.
因為你是上主,萬軍的天主,以色列的天主,醒來嚴罰這些群眾,別恩待這些背信的惡徒。
6 Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
他們晚上歸來,狂吠如犬,他們環繞城池,四周圍轉。
7 Hwɛ nea wɔfe fi wɔn anom, wɔn anofafa mu nsɛm ano yɛ nnam sɛ mfoa, na wosusuw se: “Hena na ɔbɛte yɛn nka?”
看,他們的唇舌宛如利劍,且滿口傲慢說:有誰聽見?
8 Nanso wo Awurade, woserew wɔn; wudi saa aman no nyinaa ho fɛw.
但是你,上主,你必嘲笑他們,你必譏諷這般異民。
9 Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,
我的力量,我只有仰望於你,因為你是天主,是我的堡壘。
10 me Nyankopɔn a metumi atweri no. Onyankopɔn bedi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haw.
願那愛我的天主援助我,使我因仇敵失敗而歡樂!
11 Nanso nkum wɔn, Awurade, yɛn nkatabo, na me nkurɔfo werɛ amfi wɔn. Wo tumi mu no tutu wɔn ase, na brɛ wɔn ase.
天主,求你擊殺他們,免得侵犯我的人民;上主,我的謢盾,你以強力制服他們。
12 Bɔne a efi wɔn anom, ne wɔn ano nsɛm nti ma wɔn ahomaso nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atoro a wotwa nti,
他們口唇所說的話語:就是他們口舌的罪過,他們因自己的驕傲咒罵與謊言,自陷網羅!
13 sɛe wɔn wɔ abufuwhyew mu, kosi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so mmaa nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
求你發怒滅絕他們,滅絕他們無一存立,使人知道:天主在雅各伯為王直達地極。
14 Wɔsan ba anwummere, wɔbobɔ mu sɛ akraman, na wokyinkyin kuropɔn no mu.
他們晚上歸來,狂吠如犬,他們環繞城池,四周圍轉。
15 Wokyinkyin pɛ aduan na sɛ wɔammee a, wosu bobɔ mu.
他們到處遊蕩,覓食餬口。若不得飽食,便狂吠不休。
16 Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔe ho dwom anɔpa; efisɛ woyɛ mʼabandennen, me guankɔbea wɔ ahohia mmere mu.
但是我要稱你的威能,每日清晨歡呼你的寬仁,因為只有你是我的碉堡,是我困厄時日的避難所。
17 Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.
我的力量,我只有向你歡唱,因為只有你是天主,是我的保障。你是我的天主,你對我慈祥。

< Nnwom 59 >