< Nnwom 58 >

1 Dawid “miktam” dwom. So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana? Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?
Dawid “miktam” dwom. Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa? Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?
2 Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.
3 Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu; wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.
Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu; wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.
4 Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de, ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,
Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ. Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,
5 a ɔnte ntafowayifo dwom, na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.
a ɔnte ntafowayifoɔ dwom, na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.
6 Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom, Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!
Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom, Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!
7 Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan; sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.
8 Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.
Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ. Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.
9 Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw, sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.
Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea, sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.
10 Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye, na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.
Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye, na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.
11 Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua; na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< Nnwom 58 >