< Nnwom 57 >
1 Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya guankɔbea. Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea kosi sɛ amanehunu no betwa mu.
MAING Kot, kom kotin maki ong ia, maki ong ia! Pwe ngen i kin kaporoporeki komui, o pan mot en lim omui i wasan ai maur, lao ansau apwal daulier.
2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.
I likwir ong Kot, me lapalapia, ong Kot, me kotin kaimwisokala ai kankangeranger.
3 Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware.
A kotin poronedo sang nanlang sauas pa i ong me kanamenok ia, o me kin ngiringir ong ia. (Sela) Kot pan kotin kadarado a kalangan o melel.
4 Gyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe nam amono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam.
Ngen i mi nan pung en laien akan, aramas rasong umpul en kisiniai; ngi arail rasong katieu o kanangan kasik katieu, o lo arail rasong kodlas kong o.
5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so.
Maing Kot, kom kotida ileila sang lang, o wau omui nan sappa karos.
6 Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, ahohiahia brɛɛ me ase. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.
Irail insarai ia nan al ai kan; re kin katoutoui ngen i; re weirada mo i por eu, ap pein pupedi ong lole. (Sela)
7 Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn, me koma yɛ pintinn; mɛto dwom na mayi wo ayɛ.
Mongiong i insenemaular, Maing Kot, ngen i onoper ong kaul o kaping.
8 Me kra nyan! Sanku ne bɛnta, munnyan! Me nso menyan anɔpahema.
Ngen i pirida! Kaul o arp pirida! I pan pirida nin soran.
9 Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu.
Ieowa, i men danke ong komui nan wei kan; i pan kauli ong komui nan pung en aramas akan.
10 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.
Pwe omui kalangan me laud dueta nanlang, o omui melel dueta tapok kan.
11 Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro; ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so.
Maing Kot, kom kotida ileila sang lang, o wau omui lingan nan sappa karos.