< Nnwom 56 >
1 Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
Oh ʼElohim, ten compasión de mí, Porque el hombre me pisotea, me devora, Me oprime y me combate todo el día.
2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
Los que me asaltan me pisotean todo el día, Porque son muchos los que con soberbia pelean contra mí.
3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
El día cuando temo, confío en Ti.
4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
En ʼElohim, la Palabra de Quien alabo, En ʼElohim confío, no temeré. ¿Qué puede hacerme el hombre?
5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
Todo el día pervierten mis palabras. Contra mí son todos sus pensamientos para mal.
6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.
Conspiran, acechan, observan atentamente mis pasos en acecho de mi vida.
7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
Pésalos a causa de su perversidad. Con furia derriba los pueblos, oh ʼElohim.
8 Kyerɛw me kwadwom to hɔ; sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
Tomaste en cuenta mis huidas. Coloca mis lágrimas en tu botella. ¿No están ellas en tu rollo?
9 Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
El día cuando yo te invoque retrocederán mis enemigos. Esto sé porque ʼElohim está a mi favor.
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
Oh ʼElohim, tu Palabra alabo, Oh Yavé, tu Palabra alabo.
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
En ʼElohim confié, no temeré. ¿Qué puede hacerme el hombre?
12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
Oh ʼElohim, sobre mí están los votos. Te pagaré ofrendas de acción de gracias,
13 Efisɛ, woagye me afi owu mu, na mʼanan anhintiw, na matumi anantew Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann no mu. Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” nne so.
Porque libraste mi vida de la muerte Y mis pies de tropezar, Para que ande delante de ʼElohim En la luz de los que viven.