< Nnwom 56 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so. Dawid dwom a ɔtoo bere a Filistifo kyeree no wɔ Gat no. Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibere so; da mu nyinaa womia wɔn taa no mu.
Be merciful unto me, O Elohim: for man would swallow me up; he fighting daily oppresseth me.
2 Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa; wɔn a wɔma wɔn ho so tia me no dɔɔso.
Mine enemies would daily swallow me up: for they be many that fight against me, O thou most High.
3 Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.
What time I am afraid, I will trust in thee.
4 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?
In Elohim I will praise his word, in Elohim I have put my trust; I will not fear what flesh can do unto me.
5 Da mu nyinaa wogye mʼano si bɔne; bere biara wɔbɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe me.
Every day they wrest my words: all their thoughts are against me for evil.
6 Wɔbɔ pɔw, wɔtetɛw, wɔhwɛ mʼanammɔntu, susuw sɛ wobekum me.
They gather themselves together, they hide themselves, they mark my steps, when they wait for my soul.
7 Wɔn amumɔyɛ nti mma wɔmmfa wɔn ho nni; Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuw mu.
Shall they escape by iniquity? in thine anger cast down the people, O Elohim.
8 Kyerɛw me kwadwom to hɔ; sese me nusu wɔ wo nhoma mmobɔwee no mu. Enni nea woakyerɛw ato hɔ no mu ana?
Thou tellest my wanderings: put thou my tears into thy bottle: are they not in thy book?
9 Sɛ mepɛ mmoa fi wo hɔ a, mʼatamfo bɛsan wɔn akyi. Eyi bɛma mahu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.
When I cry unto thee, then shall mine enemies turn back: this I know; for Elohim is for me.
10 Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,
In Elohim will I praise his word: in YHWH will I praise his word.
11 mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro. Dɛn na ɔdesani betumi ayɛ me?
In Elohim have I put my trust: I will not be afraid what man can do unto me.
12 Me Onyankopɔn, mehyɛ bɔ a mahyɛ wo no ase, mede mʼaseda afɔre bɛbrɛ wo.
Thy vows are upon me, O Elohim: I will render praises unto thee.
13 Efisɛ, woagye me afi owu mu, na mʼanan anhintiw, na matumi anantew Onyankopɔn anim wɔ nkwa hann no mu.
For thou hast delivered my soul from death: wilt not thou deliver my feet from falling, that I may walk before Elohim in the light of the living?

< Nnwom 56 >