< Nnwom 55 >
1 Dawid “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
Dawid “maskil” dwom. Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ, mmu wʼani ngu me nkotosrɛ so,
2 tie me na gye me so. Me dadwen haw me na ama mayɛ basaa,
tie me na gye me so. Me dadwene ha me na ama mayɛ basaa,
3 esiane nea me tamfo reka, esiane omumɔyɛfo ahunahuna nti; efisɛ wɔde amanehunu ba me so; na wofi wɔn abufuw mu kum me.
wɔ deɛ mʼatamfoɔ reka ne sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti; wɔde amanehunu brɛ me; na wɔde abufuo sopa me.
4 Me koma wɔ ahoyeraw mu; na owu huboa aba me so.
Mʼakoma wɔ ahoyera mu; na owuo huboa aba me so.
5 Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahodwiriw abu afa me so.
Ehu ne ahopopoɔ akyekyere me. Ahodwirie abu afa me so.
6 Mekae se, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔ ama me ho atɔ me,
Mekaa sɛ, “Ao, sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburo a, anka mɛtu akɔ ama me ho atɔ me,
7 anka metu akɔ akyirikyiri akɔtena sare so;
anka mɛtu akɔ akyirikyiri akɔtena ɛserɛ so;
8 anka mɛyɛ ntɛm akɔ me hintabea, faako a mframahweam ne ahum mmɛn koraa.”
anka mɛyɛ ntɛm akɔ mʼahintaeɛ, baabi a mframaden ne ahum mmɛn koraa.”
9 Awurade, ma amumɔyɛfo nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, efisɛ mihu basabasayɛ ne aperepere wɔ kuropɔn no mu.
Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto, ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
10 Awia ne anadwo wɔtetɛw nʼafasu ho; adwemmɔne ne asisi wɔ mu.
Awia ne anadwo wɔtetɛ nʼafasuo ho; adwemmɔne ne nsisie wɔ mu.
11 Adesɛefo dɔm reyɛ adwuma wɔ kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔnten so daa.
Adesɛefoɔ dɔm reyɛ adwuma kuropɔn no mu. Ahunahuna ne nnaadaa wɔ ne mmɔntene so daa.
12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔresopa me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrema ne ho so atia me a, anka metumi de me ho ahintaw no.
Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a, anka mɛtumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a, anka mɛtumi de me ho ahinta no.
13 Nanso ɛyɛ wo, ɔdesani te sɛ me, me yɔnko, mʼadamfo kann,
Nanso, ɛyɛ wo, ɔdasani te sɛ me, me yɔnko pa ne me mʼadamfo brɛboɔ,
14 a kan no na me ne no wɔ ayɔnkofa a mu yɛ den bere a yɛn nyinaa bɔɔ mu yuu kɔɔ Onyankopɔn fi na yɛka asomfo no ho no.
a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.
15 Ma owu mmɛfa mʼatamfo mpofirim; ma wɔnkɔ ɔda mu anikann, efisɛ bɔne te wɔn mu. (Sheol )
Ma owuo mmɛfa mʼatamfoɔ mpofirim; ma wɔnkɔ damena mu anikann, ɛfiri sɛ bɔne te wɔn mu. (Sheol )
16 Nanso misu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
Nanso, mesu frɛ Onyankopɔn, na Awurade gye me nkwa.
17 Anwummere, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
Anwummerɛ, anɔpa ne awia, mede mmɔborɔnne su frɛ no, na ɔte me nne.
18 Ɔde ne ho bɔ afɔre ma minya me ti didi mu wɔ ako a wodi tia me no mu, mpo dodow na wɔsɔre tia me.
Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didim wɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu, mpo bebree na wɔko tia me.
19 Onyankopɔn a wɔasi no hene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na wahaw wɔn, ɔbɛhaw nnipa a wɔnsakra wɔn akwan da na wonsuro Onyankopɔn nso.
Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no, ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn, ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan da na wɔnsuro Onyankopɔn nso.
20 Me yɔnko tow hyɛ ne nnamfonom so; na obu nʼapam so.
Me yɔnko to hyɛ ne nnamfonom so; na ɔbu nʼapam so.
21 Ɔwɔ tɛkrɛmawo, nanso ɔtan wɔ ne koma mu. Nʼano asɛm dwudwo sen ngo, nanso ɛyɛ afoa a wɔatwe.
Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ, nanso ɔtan wɔ nʼakomam. Nʼano asɛm dwodwo sene ngo, nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.
22 Fa wo haw to Awurade so na ɔno na obegye wo; ɔremma ɔtreneeni nhwe ase.
Fa wo haw to Awurade so na ɔno na ɔbɛgye wo; ɔremma ɔteneneeni nhwe ase.
23 Nanso wo, Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumɔyɛfo ase ama wɔakɔ ɔporɔw amoa mu; mogyapɛfo ne nnaadaafo renni wɔn nkwanna mu fa. Nanso me de, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Aburuburu a osi Akyirikyiri Odum so,” nne so.
Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ ase ama wɔakɔ porɔeɛ amena mu; mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔ renni wɔn nkwanna mu fa. Me deɛ, mede me ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”