< Nnwom 54 >
1 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem.
Боже! Именом својим помози ми, и крепошћу својом одбрани ме на суду.
2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm.
Боже! Услиши молитву моју, чуј речи уста мојих.
3 Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
Јер туђини усташе на ме; и силни траже душу моју; немају Бога пред собом.
4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo.
Гле, Бог је помоћник мој, Господ даје снагу души мојој.
5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.
Обратиће зло на непријатеље моје, истином својом истребиће их.
6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.
Радо ћу принети жртву, прославићу име Твоје, Господе, јер је добро.
7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
Јер ме избављаш од сваке невоље, и на непријатеље моје без страха гледа око моје.