< Nnwom 54 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔbɔ no sanku so. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem.
For the leader. With stringed instruments. A maskil of David, when the Ziphites came and said to Saul, ‘David is in hiding among us’. Save me, O God, by your name, by your power secure for me justice.
2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm.
Listen, O God, to my prayer, attend to the words of my mouth.
3 Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
For proud men have risen against me, and terrible men seek my life, men who do not set God before them. (Selah)
4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo.
But see! God is my helper, the Lord is sustaining my life.
5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.
Let their evil fall back on my foes: cut them off in your faithfulness, Lord.
6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.
Then will I bring you glad sacrifice, praising your gracious name;
7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.
for from all distress you have saved me, and feasted my eyes on my foes.

< Nnwom 54 >