< Nnwom 52 >
1 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no. Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?
Uzincomelani ngokubi, qhawe? Umusa kaNkulunkulu ukulo lonke usuku.
2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. Wo a wutwa nkontompo nko ara.
Ulimi lwakho luceba konke ukuganga, njengensingo ebukhali, lwenza inkohliso.
3 Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.
Uthanda okubi kulokuhle; amanga kulokukhuluma iqiniso. (Sela)
4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo!
Uthanda wonke amazwi okuginya, limi lwenkohliso.
5 Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.
UNkulunkulu laye uzakubhidliza phakade, akususe, akuhluthune ethenteni, akusiphune elizweni labaphilayo. (Sela)
6 Atreneefo behu eyi na wɔasuro; wɔbɛserew no na wɔaka se,
Abalungileyo bazakubona besabe, bazamhleka, besithi:
7 “Hwɛ, onipa no ni, nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”
Khangelani, umuntu ongamenzanga uNkulunkulu abe yinqaba yakhe, kodwa wathembela ebunengini benotho yakhe, eqinile ekugangeni kwakhe.
8 Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
Kodwa nginjengesihlahla somhlwathi esiluhlaza endlini kaNkulunkulu. Ngiyathemba emuseni kaNkulunkulu phakade laphakade.
9 Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.
Ngizakudumisa kuze kube phakade ngoba ukwenzile. Ngizalindela ibizo lakho, ngoba lihle phambi kwabangcwele bakho.