< Nnwom 52 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no. Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?
למנצח משכיל לדוד בבוא דואג האדמי ויגד לשאול ויאמר לו בא דוד אל בית אחימלך מה תתהלל ברעה הגבור חסד אל כל היום׃
2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. Wo a wutwa nkontompo nko ara.
הוות תחשב לשונך כתער מלטש עשה רמיה׃
3 Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.
אהבת רע מטוב שקר מדבר צדק סלה׃
4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo!
אהבת כל דברי בלע לשון מרמה׃
5 Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.
גם אל יתצך לנצח יחתך ויסחך מאהל ושרשך מארץ חיים סלה׃
6 Atreneefo behu eyi na wɔasuro; wɔbɛserew no na wɔaka se,
ויראו צדיקים וייראו ועליו ישחקו׃
7 “Hwɛ, onipa no ni, nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”
הנה הגבר לא ישים אלהים מעוזו ויבטח ברב עשרו יעז בהותו׃
8 Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.
ואני כזית רענן בבית אלהים בטחתי בחסד אלהים עולם ועד׃
9 Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim.
אודך לעולם כי עשית ואקוה שמך כי טוב נגד חסידיך׃

< Nnwom 52 >