< Nnwom 50 >
1 Asaf dwom. Tweduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa, na ɔfrɛ asase nyinaa efi apuei kosi atɔe.
Asaf dwom. Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa, na ɔfrɛ asase nyinaa ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.
2 Onyankopɔn hyerɛn fi Sion kurow a ne fɛ wie pɛyɛ.
Onyankopɔn hran firi Sion kuro a ne fɛ wie pɛ yɛ.
3 Yɛn Nyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhyew nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm; ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim, ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.
4 Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, sɛ ɔrebu ne nkurɔfo atɛn;
Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase, sɛ ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;
5 Ɔka se, “Boaboa nnipa a wɔatew wɔn ho no ano ma me; wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me yɛɛ apam no.”
Ɔka sɛ, “Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me, wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no.”
6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee, na Onyankopɔn ankasa ne otemmufo.
Ɔsoro pae mu ka ne tenenee, na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.
7 “Muntie, me nkurɔfo, na mɛkasa, medi adanse atia wo, Israel; Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no.
“Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa, mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel; Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.
8 Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔde anaa mo hyew afɔre a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
Merenka mo anim wɔ mo afɔrebɔdeɛ anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.
9 Anantwinini a wofi mo mfuw so anaa mpapo a wofi mo buw mu ho nhia me,
Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,
10 efisɛ kwae mu aboa biara yɛ me de, anantwi a wɔwɔ nkoko mpempem so nso saa ara.
ɛfiri sɛ kwaeɛ mu aboa biara yɛ me dea, anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.
11 Minim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔw no so, na wuram abɔde nyinaa yɛ me de.
Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so, na wiram abɔdeɛ nyinaa yɛ me dea.
12 Sɛ ɔkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; efisɛ, wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ me de.
Sɛ ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo; ɛfiri sɛ, ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa yɛ me dea.
13 Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya ana?
Mewe anantwinini nam, na menom mpapo mogya anaa?
14 Momfa aseda afɔre mma Onyankopɔn, na munni bɔ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn, na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,
15 na momfrɛ me hiada; na megye mo na moahyɛ me anuonyam.”
na momfrɛ me da hiada; na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam.”
16 Nanso amumɔyɛfo de, Onyankopɔn bisa wɔn se, “Adɛn nti na moka me mmara na mʼapam da mo ano?
Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm na mʼapam da mo ano?
17 Mukyi me nkyerɛkyerɛ, na motow me nsɛm gu mo akyi.
Mokyiri me nkyerɛkyerɛ na moto me nsɛm gu mo akyi.
18 Sɛ muhu ɔkorɔmfo a mode mo ho bɔ no; na mo ne nguaman nso bɔ.
Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho bɔ no; na mo ne awaresɛefoɔ nso bɔ.
19 Mode mo ano yɛ bɔne, na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
Mode mo ano yɛ bɔne na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.
20 Mokasa tia mo nuabarima bere biara na mosopa mo ankasa na ba.
Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara na mosopa mo ankasa maame ba.
21 Moayɛ eyinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mususuw sɛ mete sɛ mo. Nanso mɛka mo anim, na mede mo sobo asi mo anim.
Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee, enti mosusu sɛ mete sɛ mo. Nanso mɛka mo anim na mede mo soboɔ asi mo anim.
22 “Munnwen eyi ho, mo a mo werɛ fi Onyankopɔn, anyɛ saa a, mɛtetew mo mu nketenkete a obiara remmegye mo;
“Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn, anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;
23 Nea ɔbɔ aseda afɔre no hyɛ me anuonyam, na osiesie kwan sɛnea mɛda Onyankopɔn nkwagye adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam, na ɔsiesie ɛkwan sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.