< Nnwom 49 >

1 Koramma dwom. Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,
(고라 자손의 시. 영장으로 한 노래) 만민들아 이를 들어라 세상의 거민들아 귀를 기울이라
2 nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, adefo ne ahiafo nyinaa.
귀천 빈부를 물론하고 다 들을지어다
3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.
내 입은 지혜를 말하겠고 내 마음은 명철을 묵상하리로다
4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.
내가 비유에 내 귀를 기울이고 수금으로 나의 오묘한 말을 풀리로다
5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,
죄악이 나를 따라 에우는 환난의 날에 내가 어찌 두려워하랴
6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?
자기의 재물을 의지하고 풍부함으로 자긍하는 자는
7 Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,
아무도 결코 그 형제를 구속하지 못하며 저를 위하여 하나님께 속전을 바치지도 못할 것은
8 nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso,
저희 생명의 구속이 너무 귀하며 영영히 못할 것임이라
9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhu porɔwee.
저로 영존하여 썩음을 보지 않게 못하리니
10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.
저가 보리로다 지혜있는 자도 죽고 우준하고 무지한 자도 같이 망하고 저희 재물을 타인에게 끼치는도다
11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.
저희의 속 생각에 그 집이 영영히 있고 그 거처가 대대에 미치리라 하여 그 전지를 자기 이름으로 칭하도다
12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.
사람은 존귀하나 장구치 못함이여 멸망하는 짐승같도다
13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.
저희의 이 행위는 저희의 우매함이나 후세 사람은 오히려 저희 말을 칭찬하리로다 (셀라)
14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware. (Sheol h7585)
양 같이 저희를 음부에 두기로 작정되었으니 사망이 저희 목자일 것이라 정직한 자가 아침에 저희를 다스리리니 저희 아름다움이 음부에서 소멸하여 그 거처조차 없어지려니와 (Sheol h7585)
15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn. (Sheol h7585)
하나님은 나를 영접하시리니 이러므로 내 영혼을 음부의 권세에서 구속하시리로다 (셀라) (Sheol h7585)
16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;
사람이 치부하여 그 집 영광이 더할 때에 너는 두려워 말지어다
17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.
저가 죽으매 가져가는 것이 없고 그 영광이 저를 따라 내려가지 못함이로다
18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,
저가 비록 생시에 자기를 축하하며 스스로 좋게 함으로 사람들에게 칭찬을 받을지라도
19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.
그 역대의 열조에게로 돌아가리니 영영히 빛을 보지 못하리로다
20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu.
존귀에 처하나 깨닫지 못하는 사람은 멸망하는 짐승같도다

< Nnwom 49 >