< Nnwom 48 >

1 Koramma dwom. Awurade yɛ ɔkɛse na ɔsɛ nkamfo, wɔ yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔw kronkron so.
שיר מזמור לבני קרח גדול יהוה ומהלל מאד בעיר אלהינו הר קדשו׃
2 Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ, ɛyɛ wiase nyinaa anigyede. Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhenkɛse no kuropɔn.
יפה נוף משוש כל הארץ הר ציון ירכתי צפון קרית מלך רב׃
3 Onyankopɔn te nʼabankɛse mu wada ne ho adi sɛ ɔyɛ nʼabandennen.
אלהים בארמנותיה נודע למשגב׃
4 Bere a ahemfo yi boaa wɔn ho ano, na wotuu ɔsa bɔɔ mu no,
כי הנה המלכים נועדו עברו יחדו׃
5 wohuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw, na wɔde ehu guanee.
המה ראו כן תמהו נבהלו נחפזו׃
6 Wɔbɔɔ huboa wɔ hɔ, ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a awo aka no.
רעדה אחזתם שם חיל כיולדה׃
7 Wosɛe wɔn sɛ Tarsis ahyɛn a apuei mframa abɔ adwira wɔn.
ברוח קדים תשבר אניות תרשיש׃
8 Sɛnea yɛate no, saa ara na yɛahu wɔ Asafo Awurade kuropɔn no mu, yɛn Nyankopɔn kuropɔn mu; Onyankopɔn ma etim hɔ afebɔɔ.
כאשר שמענו כן ראינו בעיר יהוה צבאות בעיר אלהינו אלהים יכוננה עד עולם סלה׃
9 Wʼasɔredan no mu; Ao, Onyankopɔn, na yɛdwene wo dɔ a enni huammɔ da no ho,
דמינו אלהים חסדך בקרב היכלך׃
10 Ao, Onyankopɔn, wʼayeyi du asase ano te sɛ wo din te; trenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.
כשמך אלהים כן תהלתך על קצוי ארץ צדק מלאה ימינך׃
11 Sion bepɔw di ahurusi, Yuda nkuraase no ani gye esiane wʼatemmu no nti.
ישמח הר ציון תגלנה בנות יהודה למען משפטיך׃
12 Nantew Sion na twa ho hyia, kan nʼabantenten dodow,
סבו ציון והקיפוה ספרו מגדליה׃
13 dwene nʼafasu ho yiye, hwɛ nʼabankɛse no, na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.
שיתו לבכם לחילה פסגו ארמנותיה למען תספרו לדור אחרון׃
14 Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa; ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfo akosi awiei mpo. Wɔde ma dwonkyerɛfo.
כי זה אלהים אלהינו עולם ועד הוא ינהגנו על מות׃

< Nnwom 48 >