< Nnwom 46 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so. Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.
God is our refuge and strength, a very present help in trouble.
2 Enti sɛ asase ani dan butuw, na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,
Therefore will not we fear, though the earth be removed, and though the mountains be carried into the middle of the sea;
3 sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.
Though the waters thereof roar and be troubled, though the mountains shake with the swelling thereof. (Selah)
4 Asuten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.
There is a river, the streams whereof shall make glad the city of God, the holy place of the tabernacles of the most High.
5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
God is in the middle of her; she shall not be moved: God shall help her, and that right early.
6 Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nan.
The heathen raged, the kingdoms were moved: he uttered his voice, the earth melted.
7 Asafo Awurade ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
The LORD of hosts is with us; the God of Jacob is our refuge. (Selah)
8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛe a ɔde aba asase no so.
Come, behold the works of the LORD, what desolations he has made in the earth.
9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano. Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw; ɔde ogya hyew nkatabo.
He makes wars to cease to the end of the earth; he breaks the bow, and cuts the spear in sunder; he burns the chariot in the fire.
10 Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
Be still, and know that I am God: I will be exalted among the heathen, I will be exalted in the earth.
11 Asafo Awurade ka yɛn ho; Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.
The LORD of hosts is with us; the God of Jacob is our refuge. (Selah)

< Nnwom 46 >