< Nnwom 44 >

1 Koramma “maskil” dwom. Ao, Onyankopɔn, yɛde yɛn aso ate; yɛn agyanom aka akyerɛ yɛn; nea woyɛɛ wɔ wɔn bere so, wɔ tete mmere no mu.
For the chief musician. A psalm of the sons of Korah. A maschil. We have heard with our ears, God, our fathers have told us what work you did in their days, in the days of old.
2 Wode wo nsa pam amanaman no na wobɔɔ yɛn agyanom atenase; wodwerɛw nnipa no na womaa yɛn agyanom dii yiye.
You drove out the nations with your hand, but you planted our people; you afflicted the peoples, but you spread our people out in the land.
3 Ɛnyɛ wɔn afoa na wɔde nyaa asase no, na ɛnyɛ wɔn nsa na ɛmaa wɔn nkonimdi; ɛyɛ wo nsa nifa, wo basa, ne wʼanim hann, efisɛ na wodɔ wɔn.
For they did not obtain the land for their possession by their own sword, neither did their own arm save them; but your right hand, your arm, and the light of your face, because you were favorable to them.
4 Woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn, nea ɔhyɛ nkonimdi ma Yakob.
God, You are my King; command victory for Jacob.
5 Ɛnam wo so na yɛpam yɛn Atamfo; wo din mu na yetiatia wɔn a wokyi yɛn no so.
Through you we will push down our adversaries; through your name we will tread them under, those who rise up against us.
6 Memmfa me ho nto mʼagyan so, mʼafoa remfa nkonimdi mmrɛ me;
For I will not trust in my bow, neither will my sword save me.
7 na wo na woma yedi yɛn atamfo so wugu wɔn a wɔtan yɛn no anim ase.
But you have saved us from our adversaries, and have put to shame those who hate us.
8 Onyankopɔn mu na yɛhoahoa yɛn ho da mu nyinaa, na yɛbɛkamfo wo din no daa daa.
In God we have made our boast all the day long, and we will give thanks to your name forever. (Selah)
9 Nanso mprempren woapo yɛn abrɛ yɛn ase; wone yɛn asraafo nkɔ ɔsa bio.
But now you have thrown us off and brought us dishonor, and you do not go out with our armies.
10 Woma yeguan fii dɔm anim, ma yɛn atamfo fom yɛn agyapade.
You make us turn back from the adversary; and those who hate us take spoil for themselves.
11 Wuyii yɛn maa sɛ wonkum yɛn sɛ nguan na woahwete yɛn wɔ amanaman no mu.
You have made us like sheep to be slaughtered and have scattered us among the nations.
12 Wotɔn wo nkurɔfo fofoofow, na woannya mfaso biara amfi mu.
You sell your people for nothing; you have not increased your wealth by doing so.
13 Woayɛ yɛn ahohorade ama yɛn afipamfo, animtiaabude ne aserewde ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
You make us a rebuke to our neighbors, scoffed and mocked by those around us.
14 Woayɛ yɛn kasabebui wɔ aman no mu na nnipa no wosow wɔn ti de gu yɛn so.
You make us an insult among the nations, a shaking of the head among the peoples.
15 Mʼanimguase di mʼanim daa, na aniwu akata mʼanim,
All the day long my dishonor is before me, and the shame of my face has covered me
16 esiane wɔn a wɔbɔ me ahohora na wɔkasa tia me de yi me ahi, esiane ɔtamfo a nʼani abere sɛ ɔbɛtɔ were no nti.
because of the voice of him who rebukes and insults, because of the enemy and the avenger.
17 Eyinom nyinaa too yɛn de, nanso yɛn werɛ mfii wo, na yemmuu wʼapam no nso so ɛ.
All this has come on us; yet we have not forgotten you or dealt falsely with your covenant.
18 Yɛn koma ntwe mfii wo ho; na yɛn anan nso mman mfii wo kwan so ɛ.
Our heart has not turned back; our steps have not gone from your way.
19 Nanso wodwerɛw yɛn yɛɛ yɛn sakraman tu na wode sum kabii kataa yɛn so.
Yet you have severely broken us in the place of jackals and covered us with the shadow of death.
20 Sɛ na yɛn werɛ afi yɛn Nyankopɔn din anaa sɛ yɛatrɛw yɛn nsam akyerɛ ananafo nyame a,
If we have forgotten the name of our God or spread out our hands to a strange god,
21 anka Onyankopɔn behu, efisɛ onim koma mu ahintasɛm.
would not God search this out? For he knows the secrets of the heart.
22 Nanso wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.
Indeed, for your sake we are being killed all day long; we are considered to be sheep for the slaughter.
23 Nyan, Awurade! Adɛn nti na woada? Keka wo ho! Nnyaw yɛn hɔ afebɔɔ.
Awake, why do you sleep, Lord? Arise, do not throw us off permanently.
24 Adɛn nti na wode wʼanim ahintaw na wo werɛ fi yɛn ahohia ne nhyɛso?
Why do you hide your face and forget our affliction and our oppression?
25 Wɔabrɛ yɛn ase kɔ dɔte mu na yɛn nipadua aka afam dɔte.
For we have melted away into the dust; our bodies cling to the earth.
26 Sɔre bɛboa yɛn; wʼadɔe a ɛnsa da no nti, gye yɛn. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “lilie” sanku dwontobea na ɛtoe.
Rise up for our help and redeem us for the sake of your covenant faithfulness.

< Nnwom 44 >