< Nnwom 43 >

1 Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.
שפטני אלהים וריבה ריבי-- מגוי לא-חסיד מאיש מרמה ועולה תפלטני
2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?
כי-אתה אלהי מעוזי-- למה זנחתני למה-קדר אתהלך בלחץ אויב
3 Soma wo hann ne wo nokware ma wɔnkyerɛ me kwan; ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, faako a wote no.
שלח-אורך ואמתך המה ינחוני יביאוני אל-הר-קדשך ואל-משכנותיך
4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. Mede sanku beyi wo ayɛ, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
ואבואה אל-מזבח אלהים-- אל-אל שמחת גילי ואודך בכנור-- אלהים אלהי
5 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn. Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.
מה-תשתוחחי נפשי-- ומה-תהמי עלי הוחילי לאלהים כי-עוד אודנו-- ישועת פני ואלהי

< Nnwom 43 >