< Nnwom 43 >

1 Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.
Schaffe mir Recht, o Gott, und führe meinen Rechtsstreit gegen ein liebloses Volk! Von Menschen des Trugs und der Bosheit errette mich, HERR!
2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti?
Du bist ja der Gott, der mich schützt: warum hast du mich verstoßen? Warum muß ich trauernd einhergehn unter dem Druck des Feindes?
3 Soma wo hann ne wo nokware ma wɔnkyerɛ me kwan; ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, faako a wote no.
Sende dein Licht und deine Treue! Die sollen mich leiten, mich bringen zu deinem heiligen Berge und deiner Wohnstatt,
4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. Mede sanku beyi wo ayɛ, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
damit ich zum Altar Gottes komme, zu dem Gott meines Freudenjubels, und unter Zitherklang dich preise, o Gott, mein Gott!
5 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
Was betrübst du dich, meine Seele, und stürmst so ruhlos in mir? Harre auf Gott! Denn ich werde ihm noch danken, ihm, meines Angesichts Hilfe und meinem Gott.

< Nnwom 43 >