< Nnwom 43 >

1 Me Nyankopɔn, bu me bem, na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me; gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam. 2 Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen. Adɛn nti na woapo me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo mʼatamfo nhyɛso nti? 3 Soma wo hann ne wo nokware ma wɔnkyerɛ me kwan; ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so, faako a wote no. 4 Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim, mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn. Mede sanku beyi wo ayɛ, Onyankopɔn, me Nyankopɔn. 5 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.

< Nnwom 43 >