< Nnwom 42 >

1 Koramma “maskil” dwom. Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no, saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.
科辣黑後裔的訓誨,交與樂官。 天主,我的心靈渴慕你,好像牝鹿渴慕溪水。
2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no. Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?
我的心靈渴慕天主,生活的天主:我何時能目睹天主的儀容?
3 Me nisu ayɛ mʼaduan awia ne anadwo, na da mu nyinaa nnipa bisa me se: “Wo Nyankopɔn wɔ he?”
有人終日向我說:你的天主在那裏?我的眼淚竟變成了我晝夜的飲食。
4 Saa nneɛma yi na mekae bere a mereka me koma mu nsɛm; sɛnea na midi asafokuw anim, na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi wɔ afahyɛ da no.
我想起昔日周旋在歡樂的群眾裏,在群眾歡呼讚頌的歌聲裏,他們朝覲天主聖殿時,我的心不免感到憂傷哀悲,
5 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
我的靈魂,你為何悲傷,為何憂苦?期望天主!因為我還要向祂頌祝,因為祂是我的救援,我的天主。
6 Me kra abotow wɔ me mu, enti mɛkae wo fi Yordan asase so, Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.
我自約旦地,從赫爾孟山,由小丘陵,一想起你來,我的靈魂即惴惴不寧。
7 Ebun kɔ bun mu wɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu; wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
在你瀑布的巨聲下,深淵與深淵哈唱;你所有的洪濤巨浪,都沖擊在我身上。
8 Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe, adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn, mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.
但願上主在白晝頒賜祂的恩愛慈惠,我夜間向賜我生命的天主歌頌讚美!
9 Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se, “Adɛn nti na wo werɛ afi me? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo, mʼatamfo nhyɛso nti?”
我對天主說:我的磐石你為何將我遺忘?為何我應常在仇人的壓迫下徘徊沮喪?
10 Me nnompe te ɔdesani yawdi, mʼahohiahiafo ateetee nti, daa nyinaa wobisa me se, “Wo Nyankopɔn wɔ he?”
我仇敵欺凌我時,我覺得痛入骨髓,他們終日對我說:「你的天主在那裏?」
11 Me kra, adɛn, na woabotow? Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa? Fa wo ho to Onyankopɔn so, na mɛkɔ so ayi no ayɛ, mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
我的靈魂,你為何悲傷,為何憂苦?期望天主!因為我還要向祂頌祝,因為天主是我的救援,是我的天主

< Nnwom 42 >