< Nnwom 41 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no; Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu.
Zborovođi. Psalam. Davidov. Blago onome koji misli na uboga i slaba: u dan nevolje Jahve će ga spasiti!
2 Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra; obehyira no wɔ asase no so; ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde.
Jahve će ga štititi i živa sačuvati, sreću mu dati na zemlji i neće ga predati na volju dušmanima.
3 Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so na wagye no asi hɔ.
Jahve će ga ukrijepiti na postelji boli, bolest mu okrenuti u snagu.
4 Mekae se, “Ao Awurade hu me mmɔbɔ; sa me yare, efisɛ mayɛ bɔne atia wo.”
Zavapih: “Jahve, smiluj mi se, iscijeli mi dušu jer tebi sagriješih!”
5 Mʼatamfo de adwene bɔne ka fa me ho se: “Da bɛn na obewu ama ne din ayera?”
Neprijatelji zlo govore o meni: “Kad će umrijeti i kad će mu nestati imena?”
6 Bere biara a obi ba me nkyɛn no, ɔka atosɛm, na ne koma hɔre dinsɛe; ofi adi kɔ a, ɔde kodi nseku.
I dođe li tko da me posjeti, himbeno govori, u srcu pakosti skuplja i vani opada.
7 Mʼatamfo nyinaa keka asomsɛm fa me ho; wosusuw bɔne ma me na wɔka se:
Mrzitelji moji svi složno šapuću o meni; zlo mi dosuđuju:
8 “Ɔyare bɔne bi abɔ no; ɔrensɔre mfi nea ɔda hɔ bio.”
“Pogubna se pošast na nj oborila.” Ili: “Tko jednom leže, više ne ustaje.”
9 Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too no so, nea me ne no too nsa didii no, asɔre atia me.
Pa i prijatelj moj u koga se uzdah, koji blagovaše kruh moj, petu na me podiže.
10 Nanso wo, Awurade, hu me mmɔbɔ; ma me so, na mintua wɔn so ka.
A ti, Jahve, smiluj se meni i podigni me da im mogu uzvratiti.
11 Minim sɛ wʼani sɔ me, na me tamfo renni me so nkonim.
Po tome ću znati da sam mio tebi: što se dušmanin moj neće veseliti nada mnom.
12 Me nokwaredi mu, wukura me mu na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
A mene ćeš zdrava uzdržati i pred svoje me lice staviti dovijeka.
13 Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, nnɛ ne daa nyinaa.
Blagoslovljen Jahve, Bog Izraelov, od vijeka do vijeka! Tako neka bude! Amen!

< Nnwom 41 >